Imam Tirmidzi : 1544
حَدَّثَنَا قُتَيْبَةُ بْنُ سَعِيدٍ حَدَّثَنَا أَبُو عَوَانَةَ عَنْ سُهَيْلِ بْنِ أَبِي صَالِحٍ عَنْ أَبِيهِ عَنْ أَبِي هُرَيْرَةَ قَالَقِيلَ يَا رَسُولَ اللَّهِ مَا يَعْدِلُ الْجِهَادَ قَالَ إِنَّكُمْ لَا تَسْتَطِيعُونَهُ فَرَدُّوا عَلَيْهِ مَرَّتَيْنِ أَوْ ثَلَاثًا كُلُّ ذَلِكَ يَقُولُ لَا تَسْتَطِيعُونَهُ فَقَالَ فِي الثَّالِثَةِ مَثَلُ الْمُجَاهِدِ فِي سَبِيلِ اللَّهِ مَثَلُ الْقَائِمِ الصَّائِمِ الَّذِي لَا يَفْتُرُ مِنْ صَلَاةٍ وَلَا صِيَامٍ حَتَّى يَرْجِعَ الْمُجَاهِدُ فِي سَبِيلِ اللَّهِوَفِي الْبَاب عَنْ الشِّفَاءِ وَعَبْدِ اللَّهِ بْنِ حُبْشِيٍّ وَأَبِي مُوسَى وَأَبِي سَعِيدٍ وَأُمِّ مَالِكٍ الْبَهْزِيَّةِ وَأَنَسٍ وَهَذَا حَدِيثٌ حَسَنٌ صَحِيحٌ وَقَدْ رُوِيَ مِنْ غَيْرِ وَجْهٍ عَنْ أَبِي هُرَيْرَةَ عَنْ النَّبِيِّ صَلَّى اللَّهُ عَلَيْهِ وَسَلَّمَ
Wɔaka akyerɛ yɛn [Qutaibah bin Sa’id] kaa sɛ, wɔaka akyerɛ yɛn [Abu Awanah] firi [Suhail bin Abu Salih] firi [n’agya] hɔ firi [Abu Hurairah] ɔkaa sɛ, ‘Wɔbisaa Allah Somafoɔ no sɛ, ‘O Allah Somafoɔ, adeyɛ bɛn na ɛbɛtumi ne jihad ayɛ pɛ?’ obuae se: 'Morentumi'. Afei wɔsan kaa asɛmmisa no mprenu anaa mprɛnsa. Na bere biara a obebua sɛ: ‘Worentumi’. Na ne mprɛnsa so no ɔkaa sɛ: ‘Mujahid bi nhwɛsoɔ te sɛ obi a ɔgyina hɔ bɔ mpaeɛ na ɔdi mmuada, ɔnnyae mpaeɛ ne mmuadadie da kɔsi sɛ onipa a ɔreko wɔ Allah kwan so no bɛsan afiri ɔko no mu aba’. Ɔkaa sɛ, ‘Wɔ saa ti yi mu no, hadiths nso wɔ hɔ a ɛfiri Asy Syifa’, Abdullah bin Hubsyi, Abu Musa, Abu Sa’id, Umm Malik Al Bahziyah ne Anas. Na saa hadith yi ne Hasan Sahih. Wɔakyerɛw saa hadith yi afiri Abu Hurairah hɔ, afiri Ɔkɔmhyɛni sallallaahu ‘alaihi wasallam hɔ wɔ akwan pii so’.