Revert to Islam, click here
ISLAM AL-HAQ: QURAN & HADITH
(The True Islam)



Imam Tirmidzi : 1533

حَدَّثَنَا مُحَمَّدُ بْنُ الْمُثَنَّى حَدَّثَنَا أَبُو الْوَلِيدِ حَدَّثَنَا حَمَّادُ بْنُ سَلَمَةَ عَنْ مُحَمَّدِ بْنِ عَمْرٍو عَنْ أَبِي سَلَمَةَ عَنْ أَبِي هُرَيْرَةَ قَالَجَاءَتْ فَاطِمَةُ إِلَى أَبِي بَكْرٍ فَقَالَتْ مَنْ يَرِثُكَ قَالَ أَهْلِي وَوَلَدِي قَالَتْ فَمَا لِي لَا أَرِثُ أَبِي فَقَالَ أَبُو بَكْرٍ سَمِعْتُ رَسُولَ اللَّهِ صَلَّى اللَّهُ عَلَيْهِ وَسَلَّمَ يَقُولُ لَا نُورَثُ وَلَكِنِّي أَعُولُ مَنْ كَانَ رَسُولُ اللَّهِ صَلَّى اللَّهُ عَلَيْهِ وَسَلَّمَ يَعُولُهُ وَأُنْفِقُ عَلَى مَنْ كَانَ رَسُولُ اللَّهِ صَلَّى اللَّهُ عَلَيْهِ وَسَلَّمَ يُنْفِقُ عَلَيْهِقَالَ أَبُو عِيسَى وَفِي الْبَاب عَنْ عُمَرَ وَطَلْحَةَ وَالزُّبَيْرِ وَعَبْدِ الرَّحْمَنِ بْنِ عَوْفٍ وَسَعْدٍ وَعَائِشَةَ وَحَدِيثُ أَبِي هُرَيْرَةَ حَدِيثٌ حَسَنٌ غَرِيبٌ مِنْ هَذَا الْوَجْهِ إِنَّمَا أَسْنَدَهُ حَمَّادُ بْنُ سَلَمَةَ وَعَبْدُ الْوَهَّابِ بْنُ عَطَاءٍ عَنْ مُحَمَّدِ بْنِ عَمْرٍو عَنْ أَبِي سَلَمَةَ عَنْ أَبِي هُرَيْرَةَ وَسَأَلْتُ مُحَمَّدًا عَنْ هَذَا الْحَدِيثِ فَقَالَ لَا أَعْلَمُ أَحَدًا رَوَاهُ عَنْ مُحَمَّدِ بْنِ عَمْرٍو عَنْ أَبِي سَلَمَةَ عَنْ أَبِي هُرَيْرَةَ إِلَّا حَمَّادَ بْنَ سَلَمَةَ وَرَوَى عَبْدُ الْوَهَّابِ بْنُ عَطَاءٍ عَنْ مُحَمَّدِ بْنِ عَمْرٍو عَنْ أَبِي سَلَمَةَ عَنْ أَبِي هُرَيْرَةَ نَحْوَ رِوَايَةِ حَمَّادِ بْنِ سَلَمَةَ

Waka akyerɛ yɛn [Muhammad Ibnul Mutsanna] kaa sɛ, aka akyerɛ yɛn [Abul Walid] kaa sɛ, waka akyerɛ yɛn [Hammad bin Salamah] afiri [Muhammad bin Amru] afiri [Abu Salamah] afiri [Abu Hurairah] hɔ ɔkaa sɛ, ‘Fatimah baa [Abu Bakr] nkyɛn na ɔbisaa sɛ, ‘Hwan na ɔbɛnya wo agyapadeɛ?’. Abu Bakr buaa se, 'Me yere ne me mma'. Fatimah bisaa bio se, 'Adn nti na mintumi nnye m'agya agyapadee?' Afei Abu Bakr kaa sɛ, 'Bere bi metee sɛ Ɔkɔmhyɛni sallallaahu 'alaihi wasallam ka sɛ: 'Yɛn - Akɔmhyɛfoɔ no - nni agyapadeɛ'. -Abu Bakr kaa sɛ- nanso mɛdi obiara a Rasulullah shallallahu ‘alaihi wasallam bedi ho dwuma no ahiadeɛ ho dwuma, na mɛma obiara a Rasulullah shallallahu ‘alaihi wasallam de ama no’. Abu Isa kaa sɛ, ‘Wɔ saa ti yi mu nso, hadiths a ɛfiri Umar, Talhah, Az Zubair, ‘Abdurrahman ibn Auf, Sa’d, ne ‘Aisha hɔ. Saa hadith a Abu Hurairah de maeɛ yi yɛ hasan gharib firi saa kwan yi so. Nanso, Hammad ibn Salamah ne Abdul Wahhab ibn Atha` gyina wɔn nkɔnsɔnkɔnsɔn a wɔde fa nsɛm so no gyina Muhammad ibn Amr so, a ɔfiri Abu Salamah, a ɔfiri Abu Hurairah. Bere bi me bisaa Muhammad saa hadith yi ho asɛm, obuae sɛ, 'Minnim obiara a ɔkaa saa hadith yi firii Muhammad ibn Amr hɔ, firii Abu Salamah hɔ, firii Abu Hurairah hɔ gye Hammad ibn Salamah.' Abdul Wahhab kaa ho asɛm firii Muhammad ibn Amr hɔ, firii Abu Salamah hɔ, firii Abu Hurairah hɔ te sɛ Hammad ibn Salamah asɛm no.'