Imam Ibnu Majah : 161
حَدَّثَنَا أَبُو بَكْرِ بْنُ أَبِي شَيْبَةَ حَدَّثَنَا خَالِدُ بْنُ مَخْلَدٍ حَدَّثَنِي كَثِيرُ بْنُ عَبْدِ اللَّهِ بْنِ عَمْرِو بْنِ عَوْفٍ عَنْ أَبِيهِ عَنْ جَدِّهِ قَالَقَالَ رَسُولُ اللَّهِ صَلَّى اللَّهُ عَلَيْهِ وَسَلَّمَ رَحِمَ اللَّهُ الْأَنْصَارَ وَأَبْنَاءَ الْأَنْصَارِ وَأَبْنَاءَ أَبْنَاءِ الْأَنْصَارِ
Waka akyerɛ yɛn [Abu Bakr bin Abu Syaibah] kaa sɛ, aka akyerɛ yɛn [Khalid bin Makhlad] kaa sɛ, waka akyerɛ me [Katsir bin Abdullah bin ‘Amru bin ‘Auf] afiri [n’agya] hɔ afiri [ne nana] hɔ ɔkaa sɛ; Rasulullah sallallaahu 'alaihi wasallam kaa sɛ: 'Ma Allah nhu Ansarfoɔ, Ansarfoɔ mma ne Ansarfoɔ mmanana mmɔbɔ'.
Imam Ibnu Majah : 162
حَدَّثَنَا مُحَمَّدُ بْنُ الْمُثَنَّى وَأَبُو بَكْرِ بْنُ خَلَّادٍ الْبَاهِلِيُّ قَالَا حَدَّثَنَا عَبْدُ الْوَهَّابِ حَدَّثَنَا خَالِدٌ الْحَذَّاءُ عَنْ عِكْرِمَةَ عَنْ ابْنِ عَبَّاسٍ قَالَضَمَّنِي رَسُولُ اللَّهِ صَلَّى اللَّهُ عَلَيْهِ وَسَلَّمَ إِلَيْهِ وَقَالَ اللَّهُمَّ عَلِّمْهُ الْحِكْمَةَ وَتَأْوِيلَ الْكِتَابِ
Wɔaka akyerɛ yɛn sɛ [Muhammad bin Al Mutsanna] ne [Abu Bakr bin Khallad Al Bahili] nyinaa kaa sɛ; aka akyerɛ yɛn [Abdul Wahhab] kaa sɛ, aka akyerɛ yɛn [Khalid Al Hadda] afiri [Ikrimah] afiri [Ibn Abbas] ɔkaa sɛ; 'Rasulullah shallallahu 'alaihi wasallam yɛɛ me atuu bere a ɔrebɔ mpae sɛ: 'O Allah, kyerɛkyerɛ no Nwoma no mu nyansa ne ta`wil'.
Imam Ibnu Majah : 163
حَدَّثَنَا أَبُو بَكْرِ بْنُ أَبِي شَيْبَةَ حَدَّثَنَا إِسْمَعِيلُ ابْنُ عُلَيَّةَ عَنْ أَيُّوبَ عَنْ مُحَمَّدِ بْنِ سِيرِينَ عَنْ عَبِيدَةَ عَنْ عَلِيِّ بْنِ أَبِي طَالِبٍ قَالَوَذَكَرَ الْخَوَارِجَ فَقَالَ فِيهِمْ رَجُلٌ مُخْدَجُ الْيَدِ أَوْ مَوْدُونُ الْيَدِ أَوْ مَثْدُونُ الْيَدِ وَلَوْلَا أَنْ تَبْطَرُوا لَحَدَّثْتُكُمْ بِمَا وَعَدَ اللَّهُ الَّذِينَ يَقْتُلُونَهُمْ عَلَى لِسَانِ مُحَمَّدٍ صَلَّى اللَّهُ عَلَيْهِ وَسَلَّمَ قُلْتُ أَنْتَ سَمِعْتَهُ مِنْ مُحَمَّدٍ صَلَّى اللَّهُ عَلَيْهِ وَسَلَّمَ قَالَ إِي وَرَبِّ الْكَعْبَةِ ثَلَاثَ مَرَّاتٍ
Waka akyerɛ yɛn [Abu Bakr bin Abu Syaibah] kaa sɛ, waka akyerɛ yɛn [Ismail bin Ulayyah] afiri [Ayyub] afiri [Muhammad bin Sirin] afiri [’Abidah] afiri [Ali bin Abu Talib] a ɔkaa saa berɛ a ɔreka Khawarij ho asɛm; 'Wɔn mu no, ɔbarima bi wɔ hɔ a ne nsa asɛe, anaa ne nsa yɛ teateaa, anaa ne nsa yɛ tiaa, sɛ moamfa anni dwuma ɔkwammɔne so a, akyinnye biara nni ho sɛ mɛka biribi a Allah ahyɛ bɔ akyerɛ mo a wɔnam Muhammad sallallaahu 'alaihi wasallam' nsɛm so kum wɔn.' Mibisae sɛ; 'So woate saa afiri Muhammad sallallaahu 'alaihi wasallam hɔ?' Ali buae sɛ; ‘Yiw, ɛnam Rabb a ɔwɔ Kaaba no so,’ ɔsan kaa no mprɛnsa.
Imam Ibnu Majah : 164
حَدَّثَنَا أَبُو بَكْرِ بْنُ أَبِي شَيْبَةَ وَعَبْدُ اللَّهِ بْنُ عَامِرِ بْنِ زُرَارَةَ قَالَا حَدَّثَنَا أَبُو بَكْرِ بْنُ عَيَّاشٍ عَنْ عَاصِمٍ عَنْ زِرٍّ عَنْ عَبْدِ اللَّهِ بْنِ مَسْعُودٍ قَالَقَالَ رَسُولُ اللَّهِ صَلَّى اللَّهُ عَلَيْهِ وَسَلَّمَ يَخْرُجُ فِي آخِرِ الزَّمَانِ قَوْمٌ أَحْدَاثُ الْأَسْنَانِ سُفَهَاءُ الْأَحْلَامِ يَقُولُونَ مِنْ خَيْرِ قَوْلِ النَّاسِ يَقْرَءُونَ الْقُرْآنَ لَا يُجَاوِزُ تَرَاقِيَهُمْ يَمْرُقُونَ مِنْ الْإِسْلَامِ كَمَا يَمْرُقُ السَّهْمُ مِنْ الرَّمِيَّةِ فَمَنْ لَقِيَهُمْ فَلْيَقْتُلْهُمْ فَإِنَّ قَتْلَهُمْ أَجْرٌ عِنْدَ اللَّهِ لِمَنْ قَتَلَهُمْ
Wɔaka akyerɛ yɛn sɛ [Abu Bakr bin Abu Syaibah] ne [Abdullah bin Amir bin Zurarah] nyinaa kaa sɛ; aka akyerɛ yɛn [Abu Bakr bin ‘Ayyasy] afiri [’Ashim] afiri [Zirr] afiri [Abdullah bin Mas’ud] hɔ ɔkaa sɛ; Ɔkɔmhyɛni sallallaahu ‘alaihi wasallam kaa sɛ: ‘Ɛbere awieeɛ no, mmeranteɛ ne mmabaa kuo bi bɛpue. Na wɔyɛ nkwaseafoɔ, wɔde nnipa kasa a ɛyɛ papa na ɛkasa, wɔkenkan Kur’aan nanso wɔntwam wɔ wɔn menewam, na wɔgyaa Islam te sɛ agyan a ɛfiri agyan mu. Obiara a obehyia wɔn no, ma onkum wɔn. Efisɛ sɛ wokum wɔn a, wobenya akatua wɔ Allah nkyɛn'.
Imam Ibnu Majah : 165
حَدَّثَنَا أَبُو بَكْرِ بْنُ أَبِي شَيْبَةَ حَدَّثَنَا يَزِيدُ بْنُ هَارُونَ أَنْبَأَنَا مُحَمَّدُ بْنُ عَمْرٍو عَنْ أَبِي سَلَمَةَ قَالَقُلْتُ لِأَبِي سَعِيدٍ الْخُدْرِيِّ هَلْ سَمِعْتَ رَسُولَ اللَّهِ صَلَّى اللَّهُ عَلَيْهِ وَسَلَّمَ يَذْكُرُ فِي الْحَرُورِيَّةِ شَيْئًا فَقَالَ سَمِعْتُهُ يَذْكُرُ قَوْمًا يَتَعَبَّدُونَ يَحْقِرُ أَحَدُكُمْ صَلَاتَهُ مَعَ صَلَاتِهِمْ وَصَوْمَهُ مَعَ صَوْمِهِمْ يَمْرُقُونَ مِنْ الدِّينِ كَمَا يَمْرُقُ السَّهْمُ مِنْ الرَّمِيَّةِ أَخَذَ سَهْمَهُ فَنَظَرَ فِي نَصْلِهِ فَلَمْ يَرَ شَيْئًا فَنَظَرَ فِي رِصَافِهِ فَلَمْ يَرَ شَيْئًا فَنَظَرَ فِي قِدْحِهِ فَلَمْ يَرَ شَيْئًا فَنَظَرَ فِي الْقُذَذِ فَتَمَارَى هَلْ يَرَى شَيْئًا أَمْ لَا
Waka akyerɛ yɛn [Abu Bakr bin Abu Syaibah] kaa sɛ, waka akyerɛ yɛn [Yazid bin Harun] kaa sɛ, waka akyerɛ yɛn [Muhammad bin ‘Amru] afiri [Abu Salamah] ɔkaa sɛ; ‘Mebisaa [Abu Sa’id Al Khudri] sɛ; 'So motee sɛ Rasulullah shallallahu 'alaihi wasallam reka Haruriyyah ho asɛm?' obuae sɛ; ‘Metee sɛ ɔreka ɔsom ho abenfo kuw bi ho asɛm. Wobɛbu wo mpaebɔ ne mmuadadi adewa sɛ wode toto wɔn mpaebɔ ho a. Woguan fii saa ɔsom yi ho sɛ agyan a efi agyan mu. Ɔfaa agyan no na ɔhwɛɛ agyan no ano nanso wanhu hwee, afei ɔhwɛɛ ano nanso wanhu hwee, afei ɔhwɛɛ tokuru no nanso wanhu hwee, afei ɔhwɛɛ agyan no ntakra nanso na onnim sɛ ohu biribi anaasɛ onhu.’
Imam Ibnu Majah : 166
حَدَّثَنَا أَبُو بَكْرِ بْنُ أَبِي شَيْبَةَ حَدَّثَنَا أَبُو أُسَامَةَ عَنْ سُلَيْمَانَ بْنِ الْمُغِيرَةِ عَنْ حُمَيْدِ بْنِ هِلَالٍ عَنْ عَبْدِ اللَّهِ بْنِ الصَّامِتِ عَنْ أَبِي ذَرٍّ قَالَقَالَ رَسُولُ اللَّهِ صَلَّى اللَّهُ عَلَيْهِ وَسَلَّمَ إِنَّ بَعْدِي مِنْ أُمَّتِي أَوْ سَيَكُونُ بَعْدِي مِنْ أُمَّتِي قَوْمٌ يَقْرَءُونَ الْقُرْآنَ لَا يُجَاوِزُ حُلُوقَهُمْ يَمْرُقُونَ مِنْ الدِّينِ كَمَا يَمْرُقُ السَّهْمُ مِنْ الرَّمِيَّةِ ثُمَّ لَا يَعُودُونَ فِيهِ هُمْ شِرَارُ الْخَلْقِ وَالْخَلِيقَةِقَالَ عَبْدُ اللَّهِ بْنُ الصَّامِتِ فَذَكَرْتُ ذَلِكَ لِرَافِعِ بْنِ عَمْرٍو أَخِي الْحَكَمِ بْنِ عَمْرٍو الْغِفَارِيِّ فَقَالَ وَأَنَا أَيْضًا قَدْ سَمِعْتُهُ مِنْ رَسُولِ اللَّهِ صَلَّى اللَّهُ عَلَيْهِ وَسَلَّمَ
Waka akyerɛ yɛn [Abu Bakr bin Abu Syaibah] kaa sɛ, waka akyerɛ yɛn [Abu Usamah] afiri [Sulaiman bin Mughirah] hɔ afiri [Humaid bin Hilal] afiri [Abdullah bin Ash Shamit] afiri [Abu Dzar] hɔ ɔkaa sɛ; Rasulullah shallallahu ‘alaihi wasallam kaa sɛ: ‘Ampa ara, me nkurofoɔ di m’akyi, anaa ɔkaa sɛ, ‘m’akyi no, nnipa kuo bi bɛfiri me nkurɔfoɔ mu a wɔrekenkan Kur’aan nanso ɛrentwam wɔ wɔn menewam, wɔbɛtu afiri saa som yi ho sɛdeɛ agyan tu firi ne tadua so na wɔrensan mma bio. Wɔyɛ abɔde a wɔyɛ bɔne sen biara’. [Abdullah bin Ash Shamit] kaa sɛ; Mekaa saa hadith yi kyerɛɛ [Rafi’ bin ‘Amru], Al Hakam bin ‘Amru Al Ghifari nua, afei ɔkaa sɛ; 'Me nso metee no firii Anabi sallallaahu 'alaihi wasallam'.
Imam Ibnu Majah : 167
حَدَّثَنَا أَبُو بَكْرِ بْنُ أَبِي شَيْبَةَ وَسُوَيْدُ بْنُ سَعِيدٍ قَالَا حَدَّثَنَا أَبُو الْأَحْوَصِ عَنْ سِمَاكٍ عَنْ عِكْرِمَةَ عَنْ ابْنِ عَبَّاسٍ قَالَقَالَ رَسُولُ اللَّهِ صَلَّى اللَّهُ عَلَيْهِ وَسَلَّمَ لَيَقْرَأَنَّ الْقُرْآنَ نَاسٌ مِنْ أُمَّتِي يَمْرُقُونَ مِنْ الْإِسْلَامِ كَمَا يَمْرُقُ السَّهْمُ مِنْ الرَّمِيَّةِ
Wɔaka akyerɛ yɛn sɛ [Abu Bakr bin Abu Syaibah] ne [Suwaid bin Sa’id] nyinaa kaa sɛ; aka akyerɛ yɛn [Abul Ahwash] afiri [Simak] afiri [Ikrimah] afiri [Ibn Abbas] hɔ ɔkaa sɛ; Rasulullah sallallaahu ‘alaihi wasallam kaa sɛ: ‘Ampa ara se nnipa kuo bi bɛpue afiri me Ummah mu a wɔkenkan Kur’aan, wɔbɛtu afiri Islam mu sɛdeɛ agyan tu firi agyan mu’.
Imam Ibnu Majah : 168
حَدَّثَنَا مُحَمَّدُ بْنُ الصَّبَّاحِ أَنْبَأَنَا سُفْيَانُ بْنُ عُيَيْنَةَ عَنْ أَبِي الزُّبَيْرِ عَنْ جَابِرِ بْنِ عَبْدِ اللَّهِ قَالَكَانَ رَسُولُ اللَّهِ صَلَّى اللَّهُ عَلَيْهِ وَسَلَّمَ بِالْجِعْرَانَةِ وَهُوَ يَقْسِمُ التِّبْرَ وَالْغَنَائِمَ وَهُوَ فِي حِجْرِ بِلَالٍ فَقَالَ رَجُلٌ اعْدِلْ يَا مُحَمَّدُ فَإِنَّكَ لَمْ تَعْدِلْ فَقَالَ وَيْلَكَ وَمَنْ يَعْدِلُ بَعْدِي إِذَا لَمْ أَعْدِلْ فَقَالَ عُمَرُ دَعْنِي يَا رَسُولَ اللَّهِ حَتَّى أَضْرِبَ عُنُقَ هَذَا الْمُنَافِقِ فَقَالَ رَسُولُ اللَّهِ صَلَّى اللَّهُ عَلَيْهِ وَسَلَّمَ إِنَّ هَذَا فِي أَصْحَابٍ أَوْ أُصَيْحَابٍ لَهُ يَقْرَءُونَ الْقُرْآنَ لَا يُجَاوِزُ تَرَاقِيَهُمْ يَمْرُقُونَ مِنْ الدِّينِ كَمَا يَمْرُقُ السَّهْمُ مِنْ الرَّمِيَّةِ
Waka akyerɛ yɛn [Muhammad bin Ash Shabbah] kaa sɛ, aka akyerɛ yɛn [Sufyan bin Uyainah] afiri [Abi Zubair] hɔ afiri [Jabir bin Abdullah] hɔ ɔkaa sɛ: Bere a na Allah Somafoɔ sallallaahu ‘alaihi wasallam wɔ Ji’ranah rekyekyɛ sika kɔkɔɔ ne ɔko asade no, na ɔwɔ Bilal nkyɛn. Mpofirim ara ɔbarima bi kaa sɛ; 'O Muhammad, yɛ atɛntenenee, ampa ara wonyɛ atɛntrenee'. Enti Allah Somafoa no buaa se: 'Munnue mo, hwan na obetumi aye atrenee se mannye atrenee a?' Umar kaa sɛ; 'O Allah Somafoa, ma mentwa saa nyaatwomfo yi kɔn'. Rasulullah shallallahu 'alaihi wasallam kaa se: 'Ampa ara owo nnamfo, anaase okaa se; 'ne nnamfo binom kenkan Koran nanso antwam wɔ ne menewam, wogyaee saa som yi te sɛ agyan a wɔatow afi agyan mu'.
Imam Ibnu Majah : 169
حَدَّثَنَا أَبُو بَكْرِ بْنُ أَبِي شَيْبَةَ حَدَّثَنَا إِسْحَقُ الْأَزْرَقُ عَنْ الْأَعْمَشِ عَنْ ابْنِ أَبِي أَوْفَى قَالَقَالَ رَسُولُ اللَّهِ صَلَّى اللَّهُ عَلَيْهِ وَسَلَّمَ الْخَوَارِجُ كِلَابُ النَّارِ
Waka akyerɛ yɛn [Abu Bakr bin Abu Syaibah] kaa sɛ, waka akyerɛ yɛn [Al Azraq] afiri [Al A’masy] afiri [Ibn Abu Aufa] hɔ ɔkaa sɛ; Ɔkɔmhyɛni sallallaahu ‘alaihi wasallam kaa sɛ: ‘Khawarijfoɔ yɛ hell akraman’.
Imam Ibnu Majah : 170
حَدَّثَنَا هِشَامُ بْنُ عَمَّارٍ حَدَّثَنَا يَحْيَى بْنُ حَمْزَةَ حَدَّثَنَا الْأَوْزَاعِيُّ عَنْ نَافِعٍ عَنْ ابْنِ عُمَرَأَنَّ رَسُولَ اللَّهِ صَلَّى اللَّهُ عَلَيْهِ وَسَلَّمَ قَالَ يَنْشَأُ نَشْءٌ يَقْرَءُونَ الْقُرْآنَ لَا يُجَاوِزُ تَرَاقِيَهُمْ كُلَّمَا خَرَجَ قَرْنٌ قُطِعَ قَالَ ابْنُ عُمَرَ سَمِعْتُ رَسُولَ اللَّهِ صَلَّى اللَّهُ عَلَيْهِ وَسَلَّمَ يَقُولُ كُلَّمَا خَرَجَ قَرْنٌ قُطِعَ أَكْثَرَ مِنْ عِشْرِينَ مَرَّةً حَتَّى يَخْرُجَ فِي عِرَاضِهِمْ الدَّجَّالُ
Wɔaka akyerɛ yɛn [Hisyam bin ‘Ammar] kaa sɛ, wɔaka akyerɛ yɛn [Yahya bin Hamzah] kaa sɛ, wɔaka akyerɛ yɛn [Al Auza’I] firi [Nafi’] firi [Ibn Umar] Rasulullah sallallaahu ‘alaihi wasallam kaa sɛ: ‘Awoɔ ntoatoasoɔ bi bɛba a wɔkenkan Kur’aan nanso ɛntwam wɔ wɔn menewam, berɛ biara a awoɔ ntoatoasoɔ bi fi adi no wɔbɛtwa mu'. Ibn Umar kaa sɛ; Metee sɛ Allah Somafoɔ (Allah asomdwoeɛ ne nhyira nka no) ka sɛ: ‘Awoɔ ntoatoasoɔ biara bɛtwa mu mpɛn aduonu, kɔsi sɛ Dajjal bɛpue wɔ wɔn asefoɔ mu’.
Imam Ibnu Majah : 171
حَدَّثَنَا بَكْرُ بْنُ خَلَفٍ أَبُو بِشْرٍ حَدَّثَنَا عَبْدُ الرَّزَّاقِ عَنْ مَعْمَرٍ عَنْ قَتَادَةَ عَنْ أَنَسِ بْنِ مَالِكٍ قَالَقَالَ رَسُولُ اللَّهِ صَلَّى اللَّهُ عَلَيْهِ وَسَلَّمَ يَخْرُجُ قَوْمٌ فِي آخِرِ الزَّمَانِ أَوْ فِي هَذِهِ الْأُمَّةِ يَقْرَءُونَ الْقُرْآنَ لَا يُجَاوِزُ تَرَاقِيَهُمْ أَوْ حُلُوقَهُمْ سِيمَاهُمْ التَّحْلِيقُ إِذَا رَأَيْتُمُوهُمْ أَوْ إِذَا لَقِيتُمُوهُمْ فَاقْتُلُوهُمْ
Waka akyerɛ yɛn [Bakar bin Khalaf Abu Bisyr] kaa sɛ, waka akyerɛ yɛn [Abdurrazaq] afiri [Ma’mar] hɔ afiri [Qatadah] afiri [Anas bin Malik] hɔ ɔkaa sɛ; Rasulullah shallallahu 'alaihi wasallam kaa sɛ: 'Kuo bi bɛpue wɔ mmerɛ awieeɛ mu, anaasɛ ɔkaa sɛ; 'Wɔ Ummah yi mu no, wɔkenkan Kur'aan nanso ɛnkɔ akyiri nsen wɔn menewa, wɔn su yɛ wɔn ti a wɔayiyi, sɛ wohu wɔn anaa wohyia wɔn a ɛnde kum wɔn'.
Imam Ibnu Majah : 172
حَدَّثَنَا سَهْلُ بْنُ أَبِي سَهْلٍ حَدَّثَنَا سُفْيَانُ بْنُ عُيَيْنَةَ عَنْ أَبِي غَالِبٍ عَنْ أَبِي أُمَامَةَ يَقُولُشَرُّ قَتْلَى قُتِلُوا تَحْتَ أَدِيمِ السَّمَاءِ وَخَيْرُ قَتِيلٍ مَنْ قَتَلُوا كِلَابُ أَهْلِ النَّارِ قَدْ كَانَ هَؤُلَاءِ مُسْلِمِينَ فَصَارُوا كُفَّارًا قُلْتُ يَا أَبَا أُمَامَةَ هَذَا شَيْءٌ تَقُولُهُ قَالَ بَلْ سَمِعْتُهُ مِنْ رَسُولِ اللَّهِ صَلَّى اللَّهُ عَلَيْهِ وَسَلَّمَ
Wɔaka akyerɛ yɛn [Sahl bin Abu Sahl] kaa sɛ, wɔaka akyerɛ yɛn denam [Sufyan bin 'Uyainah] a ɔfiri [Abu Ghalib] firi [Abu Umamah] ɔkaa sɛ: '-Khawarij yɛ- nnipa a wɔyɛ bɔne paa wɔ nnipa a wɔkum wɔn wɔ wim ase no mu, na nkurofoɔ a wɔkum wɔn no mu paa ne wɔn a asaman nkraman kum wɔn. Mfitiaseɛ no na wɔyɛ Nkramofoɔ nanso afei wɔbɛyɛɛ agyidifoɔ’. Mibisae sɛ; 'O Abu 'Umamah, so weinom ye wo nsem?' obuae sɛ; 'Nokwarem no, metee no tẽẽ firii Anabi sallallaahu 'alaihi wasallam' hɔ.
Imam Ibnu Majah : 173
حَدَّثَنَا مُحَمَّدُ بْنُ عَبْدِ اللَّهِ بْنِ نُمَيْرٍ حَدَّثَنَا أَبِي وَوَكِيعٌ ح و حَدَّثَنَا عَلِيُّ بْنُ مُحَمَّدٍ حَدَّثَنَا خَالِي يَعْلَى وَوَكِيعٌ وَأَبُو مُعَاوِيَةَ قَالُوا حَدَّثَنَا إِسْمَعِيلُ بْنُ أَبِي خَالِدٍ عَنْ قَيْسِ بْنِ أَبِي حَازِمٍ عَنْ جَرِيرِ بْنِ عَبْدِ اللَّهِ قَالَكُنَّا جُلُوسًا عِنْدَ رَسُولِ اللَّهِ صَلَّى اللَّهُ عَلَيْهِ وَسَلَّمَ فَنَظَرَ إِلَى الْقَمَرِ لَيْلَةَ الْبَدْرِ قَالَ إِنَّكُمْ سَتَرَوْنَ رَبَّكُمْ كَمَا تَرَوْنَ هَذَا الْقَمَرَ لَا تَضَامُّونَ فِي رُؤْيَتِهِ فَإِنْ اسْتَطَعْتُمْ أَنْ لَا تُغْلَبُوا عَلَى صَلَاةٍ قَبْلَ طُلُوعِ الشَّمْسِ وَقَبْلَ غُرُوبِهَا فَافْعَلُوا ثُمَّ قَرَأَ{ وَسَبِّحْ بِحَمْدِ رَبِّكَ قَبْلَ طُلُوعِ الشَّمْسِ وَقَبْلَ الْغُرُوبِ }
Waka akyerɛ yɛn [Muhammad bin Abdullah bin Numair] kaa sɛ, waka akyerɛ yɛn [m’agya] ne [Waki’]. Na sɛnea nkyerɛwde foforo kyerɛ no; Wɔaka akyerɛ yɛn [Ali bin Muhammad] afiri me papa nuanom [Ya’la] ne [Waki’] ne [Abu Mu’awiyah] hɔ a wɔkaa sɛ; aka akyerɛ yɛn [Isma’il bin Abu Khalid] afiri [Qais bin Abu Hazim] hɔ afiri [Jarir bin Abdullah] hɔ ɔkaa sɛ; 'Bere a na yete Allah Somafoa sallallaahu 'alaihi wasallam ho no, ohunuu bosome no anadwo a edi mu, afei okaa se: 'Ampa ara se mobehunu mo Rabb sedee mohunu bosome yi.' Sɛ wuhu a, worenhyɛ ma. Sɛ wotumi nnyae mpaebɔ ansa na ade akye ne ansa na owia akɔtɔ a, ɛnde yɛ no'. Afei ɔkenkanee sɛ: ‘Na hyɛ wo ho anuonyam denam wo Rabb a wobɛkamfo so, ansa na owia apue na akɔtɔ’.
Imam Ibnu Majah : 174
حَدَّثَنَا مُحَمَّدُ بْنُ عَبْدِ اللَّهِ بْنِ نُمَيْرٍ حَدَّثَنَا يَحْيَى بْنُ عِيسَى الرَّمْلِيُّ عَنْ الْأَعْمَشِ عَنْ أَبِي صَالِحٍ عَنْ أَبِي هُرَيْرَةَ قَالَقَالَ رَسُولُ اللَّهِ صَلَّى اللَّهُ عَلَيْهِ وَسَلَّمَ تَضَامُّونَ فِي رُؤْيَةِ الْقَمَرِ لَيْلَةَ الْبَدْرِ قَالُوا لَا قَالَ فَكَذَلِكَ لَا تَضَامُّونَ فِي رُؤْيَةِ رَبِّكُمْ يَوْمَ الْقِيَامَةِ
Wɔka kyerɛɛ yɛn [Muhammad bin Abdullah bin Numair] kaa sɛ, [Yahya bin Isa Ar Ramli] kaa firii [Al A’mash] hɔ firii [Abu Salih] firii [Abu Hurairah] hɔ sɛ ɔkaa sɛ; Allah Somafoa shallallahu 'alaihi wasallam kaa se: 'So mopere mo ho mo ho bere a mohunu bosome no anadwo a bosome a awie no?' Wɔkaa sɛ: ‘Dabi.’ Afei okaa se: 'Saa ara nso na morenpere mo ho mo ho bere a mohunu mo Awurade wo Owusore Da no.'
Imam Ibnu Majah : 175
حَدَّثَنَا مُحَمَّدُ بْنُ الْعَلَاءِ الْهَمْدَانِيُّ حَدَّثَنَا عَبْدُ اللَّهِ بْنُ إِدْرِيسَ عَنْ الْأَعْمَشِ عَنْ أَبِي صَالِحٍ السَّمَّانِ عَنْ أَبِي سَعِيدٍ قَالَ قُلْنَا يَا رَسُولَ اللَّهِ أَنَرَى رَبَّنَا قَالَ تَضَامُّونَ فِي رُؤْيَةِ الشَّمْسِ فِي الظَّهِيرَةِ فِي غَيْرِ سَحَابٍ قُلْنَا لَا قَالَ فَتَضَارُّونَ فِي رُؤْيَةِ الْقَمَرِ لَيْلَةَ الْبَدْرِ فِي غَيْرِ سَحَابٍ قَالُوا لَا قَالَ إِنَّكُمْ لَا تَضَارُّونَ فِي رُؤْيَتِهِ إِلَّا كَمَا تَضَارُّونَ فِي رُؤْيَتِهِمَا
Wɔaka akyerɛ yɛn [Muhammad bin ‘Ala` Al Hamdani] kaa sɛ, wafa yɛn [Abdullah bin Idris] afiri [Al A’mash] afiri [Abu Salih As Samman] afiri [Abu Sa’id] hɔ ɔkaa sɛ; Yɛbisaa sɛ; 'O Allah Somafoa, yebetumi ahu yen Awurade?' Obuae sɛ: ‘So mopere mo ho mo ho bere a mohwɛ owia awiabere a emu da hɔ a mununkum nni mu no?’ Yebuae sɛ: ‘Dabi,’ Ɔkae sɛ: ‘So mopere mo ho mo ho bere a mohwɛ ɔsram no anadwo a ɔsram ayɛ ma no?’ Wobuae sɛ; 'Dabi,' Allah Somafoa no kaa se: 'Ampa ara se, morenpere mo ho mo ho bere a mohwehwe No, gyese sedee na mote bere a morehwe won mmienu no nyinaa.'
Imam Ibnu Majah : 176
حَدَّثَنَا أَبُو بَكْرِ بْنُ أَبِي شَيْبَةَ حَدَّثَنَا يَزِيدُ بْنُ هَارُونَ أَنْبَأَنَا حَمَّادُ بْنُ سَلَمَةَ عَنْ يَعْلَى بْنِ عَطَاءٍ عَنْ وَكِيعِ بْنِ حُدُسٍ عَنْ عَمِّهِ أَبِي رَزِينٍ قَالَقُلْتُ يَا رَسُولَ اللَّهِ أَنَرَى اللَّهَ يَوْمَ الْقِيَامَةِ وَمَا آيَةُ ذَلِكَ فِي خَلْقِهِ قَالَ يَا أَبَا رَزِينٍ أَلَيْسَ كُلُّكُمْ يَرَى الْقَمَرَ مُخْلِيًا بِهِ قَالَ قُلْتُ بَلَى قَالَ فَاللَّهُ أَعْظَمُ وَذَلِكَ آيَةٌ فِي خَلْقِهِ
Waka akyerɛ yɛn [Abu Bakr bin Abu Syaibah] kaa sɛ, aka akyerɛ yɛn [Yazid bin Harun] kaa sɛ, waka akyerɛ yɛn [Hammad bin Salamah] afiri [Ya’la bin ‘Atho`] hɔ afiri [Waki’ bin Hudus] afiri ne papa nua barima [Abu Razin] hɔ ɔkaa sɛ; Mibisae sɛ; ‘O Allah Somafoa, so yebehu Allah wo Owusore Da no? Afei nsɛnkyerɛnne bɛn na wohu wɔ N’abɔde mu?’ obuae se: 'O Abu Razin, mo nyinaa ntumi nhunu bosome no yie?' Mibuae sɛ; 'Yiw,' okaa se: 'Ennee Allah ye kesee na yeinom ye Nsenkyerennee ma N'abodee'.
Imam Ibnu Majah : 177
حَدَّثَنَا أَبُو بَكْرِ بْنُ أَبِي شَيْبَةَ حَدَّثَنَا يَزِيدُ بْنُ هَارُونَ أَنْبَأَنَا حَمَّادُ بْنُ سَلَمَةَ عَنْ يَعْلَى بْنِ عَطَاءٍ عَنْ وَكِيعِ بْنِ حُدُسٍ عَنْ عَمِّهِ أَبِي رَزِينٍ قَالَقَالَ رَسُولُ اللَّهِ صَلَّى اللَّهُ عَلَيْهِ وَسَلَّمَ ضَحِكَ رَبُّنَا مِنْ قُنُوطِ عِبَادِهِ وَقُرْبِ غِيَرِهِ قَالَ قُلْتُ يَا رَسُولَ اللَّهِ أَوَ يَضْحَكُ الرَّبُّ قَالَ نَعَمْ قُلْتُ لَنْ نَعْدَمَ مِنْ رَبٍّ يَضْحَكُ خَيْرًا
Waka akyerɛ yɛn [Abu Bakr bin Abu Syaibah] kaa sɛ, aka akyerɛ yɛn [Yazid bin Harun] kaa sɛ, waka akyerɛ yɛn [Hammad bin Salamah] afiri [Ya’la bin ‘Atho`] hɔ afiri [Waki’ bin Hudus] afiri ne papa nua barima [Abu Razin] hɔ ɔkaa sɛ; Rasulullah shallallahu 'alaihi wasallam kaa sɛ: 'Yɛn Rabb serew Ne nkoa som ne wɔn ahoɔyaw no kɛseɛ'. Abu Razin kaa sɛ; Mibisae sɛ; 'O Allah Somafoa, so Rabb reserew?' Obuae sɛ: ‘Yiw, ɛte saa,’ mekae sɛ: ‘Daa sɛ yɛn Rabb serew a, yebenya papayɛ’.
Imam Ibnu Majah : 178
حَدَّثَنَا أَبُو بَكْرِ بْنُ أَبِي شَيْبَةَ وَمُحَمَّدُ بْنُ الصَّبَّاحِ قَالَا حَدَّثَنَا يَزِيدُ بْنُ هَارُونَ أَنْبَأَنَا حَمَّادُ بْنُ سَلَمَةَ عَنْ يَعْلَى بْنِ عَطَاءٍ عَنْ وَكِيعِ بْنِ حُدُسٍ عَنْ عَمِّهِ أَبِي رَزِينٍ قَالَ قُلْتُ يَا رَسُولَ اللَّهِ أَيْنَ كَانَ رَبُّنَا قَبْلَ أَنْ يَخْلُقَ خَلْقَهُ قَالَ كَانَ فِي عَمَاءٍ مَا تَحْتَهُ هَوَاءٌ وَمَا فَوْقَهُ هَوَاءٌ وَمَا ثَمَّ خَلْقٌ عَرْشُهُ عَلَى الْمَاءِ
Wɔaka akyerɛ yɛn sɛ [Abu Bakr bin Abu Syaibah] ne [Muhammad bin Ash Shabbah] nyinaa kaa sɛ; aka akyerɛ yɛn [Yazid bin Harun], aka akyerɛ yɛn [Hammad bin Salamah] afiri [Ya’la bin ‘Atho`] afiri [Waki’ bin Hudus] hɔ afiri ne papa nua barima [Abu Razin] hɔ ɔkaa sɛ; Mibisae sɛ; 'O Allah Somafoa, ehe na na yen Rabb no ansaana 3rebo N'abodee?' Obuae sɛ: ‘Ɔwɔ baabi a hwee nni hɔ, ase ne soro mframa nni hɔ, na abɔde biara nni hɔ. Ɛno akyi no Ɔbɔɔ ‘N’Ahengua wɔ nsuo so’.
Imam Ibnu Majah : 179
حَدَّثَنَا حُمَيْدُ بْنُ مَسْعَدَةَ حَدَّثَنَا خَالِدُ بْنُ الْحَارِثِ حَدَّثَنَا سَعِيدٌ عَنْ قَتَادَةَ عَنْ صَفْوَانَ بْنِ مُحْرِزٍ الْمَازِنِيِّ قَالَبَيْنَمَا نَحْنُ مَعَ عَبْدِ اللَّهِ بْنِ عُمَرَ وَهُوَ يَطُوفُ بِالْبَيْتِ إِذْ عَرَضَ لَهُ رَجُلٌ فَقَالَ يَا ابْنَ عُمَرَ كَيْفَ سَمِعْتَ رَسُولَ اللَّهِ صَلَّى اللَّهُ عَلَيْهِ وَسَلَّمَ يَذْكُرُ فِي النَّجْوَى قَالَ سَمِعْتُ رَسُولَ اللَّهِ صَلَّى اللَّهُ عَلَيْهِ وَسَلَّمَ يَقُولُ يُدْنَى الْمُؤْمِنُ مِنْ رَبِّهِ يَوْمَ الْقِيَامَةِ حَتَّى يَضَعَ عَلَيْهِ كَنَفَهُ ثُمَّ يُقَرِّرُهُ بِذُنُوبِهِ فَيَقُولُ هَلْ تَعْرِفُ فَيَقُولُ يَا رَبِّ أَعْرِفُ حَتَّى إِذَا بَلَغَ مِنْهُ مَا شَاءَ اللَّهُ أَنْ يَبْلُغَ قَالَ إِنِّي سَتَرْتُهَا عَلَيْكَ فِي الدُّنْيَا وَأَنَا أَغْفِرُهَا لَكَ الْيَوْمَ قَالَ ثُمَّ يُعْطَى صَحِيفَةَ حَسَنَاتِهِ أَوْ كِتَابَهُ بِيَمِينِهِ قَالَ وَأَمَّا الْكَافِرُ أَوْ الْمُنَافِقُ فَيُنَادَى عَلَى رُءُوسِ الْأَشْهَادِقَالَ خَالِدٌ فِي الْأَشْهَادِ شَيْءٌ مِنْ انْقِطَاعٍ{ هَؤُلَاءِ الَّذِينَ كَذَبُوا عَلَى رَبِّهِمْ أَلَا لَعْنَةُ اللَّهِ عَلَى الظَّالِمِينَ }
Waka akyerɛ yɛn [Hummaid bin Mas’adah] kaa sɛ, aka akyerɛ yɛn [Khalid bin Al Harith] kaa sɛ, waka akyerɛ yɛn [Sa’id] a ɔfiri [Qatadah] afiri [Shafwan bin Muhriz Al Mazini] ɔkaa sɛ; ‘Bere a ye ne [Abdullah bin Umar] boom reyɛ tawaf wɔ Kaaba no, mpofirim ara ɔbarima bi baa ne nkyɛn bɛbisaa no sɛ; 'O Ibn Umar, edeen na wotee bere a Rasulullah sallallaahu 'alaihi wasallam kaa munajat ho asɛm no?' Ɔmaa mmuaeɛ sɛ: ‘Metee sɛ Allah Somafoɔ (Allah ne nhyira nka no) ka sɛ: ‘Owusɔreɛ Da no, wɔde agyidifoɔ no bɛbɛn ne Rabb kɔsi sɛ wɔde Ne sunsuma bɛto ne so, afei ɔbɛka ne bɔne. Afei Allah kaa se: 'Monim? ’ obuae sɛ; 'O Rabb, yiw menim'. Enti bere a ne bone boaboaa ano sedee Allah pe no, Allah kaa se: 'Makata saa bone a ewiase no so ama mo, enti mede befiri won nnɛ'. Ɔkaa sɛ: 'Afei wɔmaa no ne papayɛ ho kyerɛwtohɔ, anaa ne nwoma a ɔde ne nsa nifa ka ho'. Ɔkaa sɛ: ‘Ɛdefa nea onnye nni anaa nyaatwomfoɔ ho no, wɔfrɛ no wɔ ɔmanfoɔ anim’. Khalid kae sɛ; ‘Wɔ ɔmanfo anim no, biribi wɔ hɔ a wɔatwa; 'Eye saa nkurofoo yi na wadi atoro atia wan Awurade.' Kae se, Allah nnome -hwe- ntotofoa no so'.
Imam Ibnu Majah : 180
حَدَّثَنَا مُحَمَّدُ بْنُ عَبْدِ الْمَلِكِ بْنِ أَبِي الشَّوَارِبِ حَدَّثَنَا أَبُو عَاصِمٍ الْعَبَّادَانِيُّ حَدَّثَنَا الْفَضْلُ الرَّقَاشِيُّ عَنْ مُحَمَّدِ بْنِ الْمُنْكَدِرِ عَنْ جَابِرِ بْنِ عَبْدِ اللَّهِ قَالَقَالَ رَسُولُ اللَّهِ صَلَّى اللَّهُ عَلَيْهِ وَسَلَّمَ بَيْنَا أَهْلُ الْجَنَّةِ فِي نَعِيمِهِمْ إِذْ سَطَعَ لَهُمْ نُورٌ فَرَفَعُوا رُءُوسَهُمْ فَإِذَا الرَّبُّ قَدْ أَشْرَفَ عَلَيْهِمْ مِنْ فَوْقِهِمْ فَقَالَ السَّلَامُ عَلَيْكُمْ يَا أَهْلَ الْجَنَّةِ قَالَ وَذَلِكَ قَوْلُ اللَّهِ{ سَلَامٌ قَوْلًا مِنْ رَبٍّ رَحِيمٍ }قَالَ فَيَنْظُرُ إِلَيْهِمْ وَيَنْظُرُونَ إِلَيْهِ فَلَا يَلْتَفِتُونَ إِلَى شَيْءٍ مِنْ النَّعِيمِ مَا دَامُوا يَنْظُرُونَ إِلَيْهِ حَتَّى يَحْتَجِبَ عَنْهُمْ وَيَبْقَى نُورُهُ وَبَرَكَتُهُ عَلَيْهِمْ فِي دِيَارِهِمْ
Waka akyerɛ yɛn [Muhammad bin Abdul Malik bin Abu Syawarib] kaa sɛ, aka akyerɛ yɛn [Abu 'Ashim Al Abbadani] kaa sɛ, waka akyerɛ yɛn [Al Fadll Ar Raqqasyi] afiri [Muhammad Al Munkadir] afiri [Jabir bin Abdullah] hɔ ɔkaa sɛ; Rasulullah sallallaahu ‘alaihi wasallam kaa sɛ: ‘Bere a ɔsorofoɔ no wɔ wɔn anigyeɛ mu no, mpofirim ara hann hann bi hyerɛn, wɔmaa wɔn ti so, ɛbɛdaa adi sɛ wɔn Rabb no ada ne ho adi wɔ wɔn atifi, afei ɔkaa sɛ: ‘Adiyie nka mo, O ɔsoro nkurɔfoɔ’. 3kaa se: 'Eno ne Allah asem; Nkyia, sɛ akwaaba a efi Awurade Mmɔborohunufo hɔ. 3kaa bio se: ‘Allah hunuu wan na wohunuu No, wannsane wo ho efirise wotee nka yie wo abere a worehwe No, wei toaa so kosii se Allah yera firii wan so. Bere a Ne hann ne nhyira da so ara da so wo won ne won afie mu’.