Imam Muslim : 4841
حَدَّثَنِي حَامِدُ بْنُ عُمَرَ حَدَّثَنَا عَبْدُ الْوَاحِدِ حَدَّثَنَا عَاصِمٌ عَنْ النَّضْرِ بْنِ أَنَسٍ وَأَنَسٌ يَوْمَئِذٍ حَيٌّ قَالَ أَنَسٌ لَوْلَا أَنَّ رَسُولَ اللَّهِ صَلَّى اللَّهُ عَلَيْهِ وَسَلَّمَ قَالَ لَا يَتَمَنَّيَنَّ أَحَدُكُمْ الْمَوْتَ لَتَمَنَّيْتُهُ
Waka akyerɛ me sɛ [Hamid bin 'Umar] aka akyerɛ yɛn ['Abdul Wahid] aka akyerɛ yɛn ['Ashim] afiri [An-Nadlr Bin Anas] hɔ sɛ saa berɛ no na Anas da so te ase, [Anas] kaa sɛ; Sɛ Anabi sallallaahu’alaihi wasallam anka sɛ: ‘Mommma mo mu biara mpɛ owuo’ a, ɛnde nokwarem no anka mɛpɛ.
Imam Muslim : 4842
حَدَّثَنَا أَبُو بَكْرِ بْنُ أَبِي شَيْبَةَ حَدَّثَنَا عَبْدُ اللَّهِ بْنُ إِدْرِيسَ عَنْ إِسْمَعِيلَ بْنِ أَبِي خَالِدٍ عَنْ قَيْسِ بْنِ أَبِي حَازِمٍ قَالَ دَخَلْنَا عَلَى خَبَّابٍ وَقَدْ اكْتَوَى سَبْعَ كَيَّاتٍ فِي بَطْنِهِ فَقَالَ لَوْ مَا أَنَّ رَسُولَ اللَّهِ صَلَّى اللَّهُ عَلَيْهِ وَسَلَّمَ نَهَانَا أَنْ نَدْعُوَ بِالْمَوْتِ لَدَعَوْتُ بِهِ حَدَّثَنَاه إِسْحَقُ بْنُ إِبْرَاهِيمَ أَخْبَرَنَا سُفْيَانُ بْنُ عُيَيْنَةَ وَجَرِيرُ بْنُ عَبْدِ الْحَمِيدِ وَوَكِيعٌ ح و حَدَّثَنَا ابْنُ نُمَيْرٍ حَدَّثَنَا أَبِي ح و حَدَّثَنَا عُبَيْدُ اللَّهِ بْنُ مُعَاذٍ وَيَحْيَى بْنُ حَبِيبٍ قَالَا حَدَّثَنَا مُعْتَمِرٌ ح و حَدَّثَنَا مُحَمَّدُ بْنُ رَافِعٍ حَدَّثَنَا أَبُو أُسَامَةَ كُلُّهُمْ عَنْ إِسْمَعِيلَ بِهَذَا الْإِسْنَادِ
Waka akyerɛ yɛn sɛ [Abu Bakr bin Abu Syaibah] aka akyerɛ yɛn [‘Abdullah bin Idris] afiri [Isma’il bin Abu Khalid] afiri [Qais bin Abu Hazim] hɔ ɔkaa sɛ; Bere bi mihyiaa [Khabbab] a saa bere no na ɔde dade a ɛyɛ hyew ayɛ ne yafunu yare mpɛn ason. Ɔse; 'Se Allah Somafoa (Allah asomdwoee ne nhyira nka no) kaa se - se wannbra yen se yennko mpae mma owuo a, anka mebo mpae mma owuo'. Wɔaka akyerɛ yɛn [Ishaq bin Ibrahim] aka akyerɛ yɛn [Sufyan bin ‘Uyainah] ne [Jarir bin ‘Abdul Hamid] ne [Waki’] Saa ara nso na wɔaka akyerɛ yɛn fi ɔkwan foforo so, na wɔaka akyerɛ yɛn [Ibn Numair] aka akyerɛ yɛn [m’agya] Saa ara nso na wɔaka akyerɛ yɛn fi ɔkwan foforo so, na wɔaka akyerɛ yɛn [‘Ubaidullah bin Mu’adz] ne [Yahya bin Habib] na wɔkaa sɛ; aka akyerɛ yɛn [Mu’tamir] Saa ara nso na wɔaka akyerɛ yɛn firi ɔkwan foforɔ so, na waka akyerɛ yɛn [Muhammad bin Rafi’] de saa sanad yi aka biribiara akyerɛ yɛn [Abu Usamah] afiri [Isma’il] hɔ.
Imam Muslim : 4843
حَدَّثَنَا مُحَمَّدُ بْنُ رَافِعٍ حَدَّثَنَا عَبْدُ الرَّزَّاقِ أَخْبَرَنَا مَعْمَرٌ عَنْ هَمَّامِ بْنِ مُنَبِّهٍ قَالَ هَذَا مَا حَدَّثَنَا أَبُو هُرَيْرَةَ عَنْ رَسُولِ اللَّهِ صَلَّى اللَّهُ عَلَيْهِ وَسَلَّمَ فَذَكَرَ أَحَادِيثَ مِنْهَا وَقَالَ رَسُولُ اللَّهِ صَلَّى اللَّهُ عَلَيْهِ وَسَلَّمَ لَا يَتَمَنَّى أَحَدُكُمْ الْمَوْتَ وَلَا يَدْعُ بِهِ مِنْ قَبْلِ أَنْ يَأْتِيَهُ إِنَّهُ إِذَا مَاتَ أَحَدُكُمْ انْقَطَعَ عَمَلُهُ وَإِنَّهُ لَا يَزِيدُ الْمُؤْمِنَ عُمْرُهُ إِلَّا خَيْرًا
Waka akyerɛ yɛn [Muhammad bin Rafi’] aka akyerɛ yɛn sɛ [‘Abdurrazzaq] aka akyerɛ yɛn [Ma’mar] afi [Hammam bin Munabbih] ɔkaa sɛ; wei ne dee [Abu Hurairah] aka akyere yen afiri Allah Somafoa sallallaahu 'alaihi wasallam ho, -afei waka Hadith ahodoɔ bi ho asɛm wɔ wɔn mu; - 'Allah Somafoa sallallaahu 'alaihi wasallam aka se: 'Mommma obiara nmpe owuo na mma nnbisa owuo ansaana bere no adu.' Efisɛ obi a owu no, wobetwa ne nnwuma mu, bere a ogyeni nkwa renkɔ soro na mmom ɛbɛma ne papayɛ ayɛ kɛse."
Imam Muslim : 4844
حَدَّثَنَا هَدَّابُ بْنُ خَالِدٍ حَدَّثَنَا هَمَّامٌ حَدَّثَنَا قَتَادَةُ عَنْ أَنَسِ بْنِ مَالِكٍ عَنْ عُبَادَةَ بْنِ الصَّامِتِ أَنَّ نَبِيَّ اللَّهِ صَلَّى اللَّهُ عَلَيْهِ وَسَلَّمَ قَالَ مَنْ أَحَبَّ لِقَاءَ اللَّهِ أَحَبَّ اللَّهُ لِقَاءَهُ وَمَنْ كَرِهَ لِقَاءَ اللَّهِ كَرِهَ اللَّهُ لِقَاءَهُ و حَدَّثَنَا مُحَمَّدُ بْنُ الْمُثَنَّى وَابْنُ بَشَّارٍ قَالَا حَدَّثَنَا مُحَمَّدُ بْنُ جَعْفَرٍ حَدَّثَنَا شُعْبَةُ عَنْ قَتَادَةَ قَالَ سَمِعْتُ أَنَسَ بْنَ مَالِكٍ يُحَدِّثُ عَنْ عُبَادَةَ بْنِ الصَّامِتِ عَنْ النَّبِيِّ صَلَّى اللَّهُ عَلَيْهِ وَسَلَّمَ مِثْلَهُ
Waka akyerɛ yɛn sɛ [Haddab bin Khalid] aka akyerɛ yɛn sɛ [Hammam] aka akyerɛ yɛn [Qatadah] afiri [Anas bin Malik] afiri [’Ubadah bin Ash Shamit] hɔ sɛ Ɔkɔmhyɛni sallallaahu ‘alaihi wasallam kaa sɛ: ‘Obiara a n’ani gye sɛ ɔbɛhyia Allah, Allah ani gye sɛ ɔbɛhyia no na obiara a ɔtan sɛ ɔbɛhyia Allah no, Allah ani gye sɛ ɔbɛhyia no’. Na wɔaka akyerɛ yɛn [Muhammad bin Al Mutsanna] ne [Ibn Basysiyar], wɔkaa sɛ; aka akyerɛ yɛn [Muhammad bin Ja’far] aka akyerɛ yɛn [Syu’bah] afiri [Qatadah] ɔkaa sɛ; Metee sɛ [Anas bin Malik] reka asɛm bi a ɛfiri [’Ubadah bin Ash Shamit] hɔ a ɛfiri Ɔkɔmhyɛni sallallaahu ‘alaihi wasallam hɔ a ɔwɔ Hadith a ɛte saa ara.
Imam Muslim : 4845
حَدَّثَنَا مُحَمَّدُ بْنُ عَبْدِ اللَّهِ الرُّزِّيُّ حَدَّثَنَا خَالِدُ بْنُ الْحَارِثِ الْهُجَيْمِيُّ حَدَّثَنَا سَعِيدٌ عَنْ قَتَادَةَ عَنْ زُرَارَةَ عَنْ سَعْدِ بْنِ هِشَامٍ عَنْ عَائِشَةَ قَالَتْ قَالَ رَسُولُ اللَّهِ صَلَّى اللَّهُ عَلَيْهِ وَسَلَّمَ مَنْ أَحَبَّ لِقَاءَ اللَّهِ أَحَبَّ اللَّهُ لِقَاءَهُ وَمَنْ كَرِهَ لِقَاءَ اللَّهِ كَرِهَ اللَّهُ لِقَاءَهُ فَقُلْتُ يَا نَبِيَّ اللَّهِ أَكَرَاهِيَةُ الْمَوْتِ فَكُلُّنَا نَكْرَهُ الْمَوْتَ فَقَالَ لَيْسَ كَذَلِكِ وَلَكِنَّ الْمُؤْمِنَ إِذَا بُشِّرَ بِرَحْمَةِ اللَّهِ وَرِضْوَانِهِ وَجَنَّتِهِ أَحَبَّ لِقَاءَ اللَّهِ فَأَحَبَّ اللَّهُ لِقَاءَهُ وَإِنَّ الْكَافِرَ إِذَا بُشِّرَ بِعَذَابِ اللَّهِ وَسَخَطِهِ كَرِهَ لِقَاءَ اللَّهِ وَكَرِهَ اللَّهُ لِقَاءَهُ و حَدَّثَنَاه مُحَمَّدُ بْنُ بَشَّارٍ حَدَّثَنَا مُحَمَّدُ بْنُ بَكْرٍ حَدَّثَنَا سَعِيدٌ عَنْ قَتَادَةَ بِهَذَا الْإِسْنَادِ
Waka akyerɛ yɛn sɛ [Muhammad bin ‘Abdullah Ar Ruzzi] aka akyerɛ yɛn [Khalid bin Al Harith Al Hujaimi] aka akyerɛ yɛn [Sa’id] afiri [Qatadah] afiri [Zurarah] afiri [Sa’d bin Hisham] afiri [’Aisyah] ɔkaa sɛ; Anabi sallallaahu 'alaihi wasallam kaa sɛ: 'Obiara a ɔpɛ sɛ ɔhyia Allah, afei Allah nso pɛ sɛ ɔhyia no na obiara a ɔtan sɛ ɔbɛhyia Allah, afei Allah tan sɛ ɔbɛhyia no'. Afei mibisae sɛ; 'O Allah Somafoa, so ekyere se wo nso wotan owuo, ewom se yen nyinaa tan owuo?' 3kaa se: 'Ennye saa, na mmom agyidifoa se wade Allah adom ne bonefakye ama no a, n'ani gye se obehyia Allah na Allah ani gye se obehyia no.' Na ampa ara se, se woka Allah asotwe ne N'abufuhyee ho amanneɛ a, ɔtan sɛ ɔbɛhyia Allah na Allah tan sɛ ɔbɛhyia no'. Na waka saa hadith yi ho asɛm akyerɛ yɛn [Muhammad bin Bashyar] aka akyerɛ yɛn [Muhammad bin Bakr] de saa sanad yi aka akyerɛ yɛn [Sa’id] a ofi [Qatadah].
Imam Muslim : 4846
حَدَّثَنَا أَبُو بَكْرِ بْنُ أَبِي شَيْبَةَ حَدَّثَنَا عَلِيُّ بْنُ مُسْهِرٍ عَنْ زَكَرِيَّاءَ عَنْ الشَّعْبِيِّ عَنْ شُرَيْحِ بْنِ هَانِئٍ عَنْ عَائِشَةَ قَالَتْ قَالَ رَسُولُ اللَّهِ صَلَّى اللَّهُ عَلَيْهِ وَسَلَّمَ مَنْ أَحَبَّ لِقَاءَ اللَّهِ أَحَبَّ اللَّهُ لِقَاءَهُ وَمَنْ كَرِهَ لِقَاءَ اللَّهِ كَرِهَ اللَّهُ لِقَاءَهُ وَالْمَوْتُ قَبْلَ لِقَاءِ اللَّهِ حَدَّثَنَاه إِسْحَقُ بْنُ إِبْرَاهِيمَ أَخْبَرَنَا عِيسَى بْنُ يُونُسَ حَدَّثَنَا زَكَرِيَّاءُ عَنْ عَامِرٍ حَدَّثَنِي شُرَيْحُ بْنُ هَانِئٍ أَنَّ عَائِشَةَ أَخْبَرَتْهُ أَنَّ رَسُولَ اللَّهِ صَلَّى اللَّهُ عَلَيْهِ وَسَلَّمَ قَالَ بِمِثْلِهِ
Waka akyerɛ yɛn [Abu Bakr bin Abu Syaibah] aka akyerɛ yɛn [‘Ali bin Mushir] fi [Zakariya] fi [Ash Sha’bi] fi [Syuraih bin Hani’] fi [‘Aisyah] ɔkaa sɛ; 'Rasulullah shallaallahu'alaihi wa sallam kaa sɛ: 'Obiara a ɔpɛ sɛ ɔbɛhyia Allah, Allah pɛ sɛ ɔbɛhyia no, na obiara a ɔtan sɛ ɔbɛhyia Allah no, Allah tan sɛ ɔbɛhyia no.' Na owuo wo ansa na woahyia Allah'. Waka saa hadith yi ho asɛm akyerɛ yɛn [Ishaq bin Ibrahim] aka akyerɛ yɛn ['Isa bin Yunus] aka akyerɛ yɛn [Zakaria] afiri ['Amir] aka akyerɛ me [Syuraih bin Hani'] sɛ ['Aisyah] ka kyerɛɛ no sɛ Allah Somafoɔ sallallaahu 'alaihi wasallam kaa nsɛm a ɛte saa.
Imam Muslim : 4847
حَدَّثَنَا سَعِيدُ بْنُ عَمْرٍو الْأَشْعَثِيُّ أَخْبَرَنَا عَبْثَرٌ عَنْ مُطَرِّفٍ عَنْ عَامِرٍ عَنْ شُرَيْحِ بْنِ هَانِئٍ عَنْ أَبِي هُرَيْرَةَ قَالَ قَالَ رَسُولُ اللَّهِ صَلَّى اللَّهُ عَلَيْهِ وَسَلَّمَ مَنْ أَحَبَّ لِقَاءَ اللَّهِ أَحَبَّ اللَّهُ لِقَاءَهُ وَمَنْ كَرِهَ لِقَاءَ اللَّهِ كَرِهَ اللَّهُ لِقَاءَهُ قَالَ فَأَتَيْتُ عَائِشَةَ فَقُلْتُ يَا أُمَّ الْمُؤْمِنِينَ سَمِعْتُ أَبَا هُرَيْرَةَ يَذْكُرُ عَنْ رَسُولِ اللَّهِ صَلَّى اللَّهُ عَلَيْهِ وَسَلَّمَ حَدِيثًا إِنْ كَانَ كَذَلِكَ فَقَدْ هَلَكْنَا فَقَالَتْ إِنَّ الْهَالِكَ مَنْ هَلَكَ بِقَوْلِ رَسُولِ اللَّهِ صَلَّى اللَّهُ عَلَيْهِ وَسَلَّمَ وَمَا ذَاكَ قَالَ قَالَ رَسُولُ اللَّهِ صَلَّى اللَّهُ عَلَيْهِ وَسَلَّمَ مَنْ أَحَبَّ لِقَاءَ اللَّهِ أَحَبَّ اللَّهُ لِقَاءَهُ وَمَنْ كَرِهَ لِقَاءَ اللَّهِ كَرِهَ اللَّهُ لِقَاءَهُ وَلَيْسَ مِنَّا أَحَدٌ إِلَّا وَهُوَ يَكْرَهُ الْمَوْتَ فَقَالَتْ قَدْ قَالَهُ رَسُولُ اللَّهِ صَلَّى اللَّهُ عَلَيْهِ وَسَلَّمَ وَلَيْسَ بِالَّذِي تَذْهَبُ إِلَيْهِ وَلَكِنْ إِذَا شَخَصَ الْبَصَرُ وَحَشْرَجَ الصَّدْرُ وَاقْشَعَرَّ الْجِلْدُ وَتَشَنَّجَتْ الْأَصَابِعُ فَعِنْدَ ذَلِكَ مَنْ أَحَبَّ لِقَاءَ اللَّهِ أَحَبَّ اللَّهُ لِقَاءَهُ وَمَنْ كَرِهَ لِقَاءَ اللَّهِ كَرِهَ اللَّهُ لِقَاءَهُ و حَدَّثَنَاه إِسْحَقُ بْنُ إِبْرَاهِيمَ الْحَنْظَلِيُّ أَخْبَرَنِي جَرِيرٌ عَنْ مُطَرِّفٍ بِهَذَا الْإِسْنَادِ نَحْوَ حَدِيثِ عَبْثَرٍ
Waka akyerɛ yɛn sɛ [Sa’id bin ‘Amr Al Asy’atsi] aka akyerɛ yɛn [‘Abtsar] afiri [Mutharrif] afiri [‘Amir] afiri [Syuraih bin Hani’] afiri [Abu Hurairah] hɔ ɔkaa sɛ; Ɔkɔmhyɛni sallallaahu ‘alaihi wasallam kaa sɛ: ‘Obiara a n’ani gye sɛ ɔbɛhyia Allah no, Allah ani gye sɛ ɔbɛhyia no; na obiara a okyi ne ho a obehyia no, Allah tan ne ho a obehyia'. Syuraih kae sɛ; Afei mihyiaa Aisyah, afei mibisae sɛ; 'O Ummul Mu'minin! Metee sɛ Abu Hurairah reka hadith bi a ɛfiri Ɔkɔmhyɛni sallallaahu ‘alaihi wasallam hɔ. Sɛ saa a, akyinnye biara nni ho sɛ yɛbɛyera!’ Aisha kaa sɛ; Nokwarem no, onipa a oyera no ne onipa a Allah Somafoa no kaa se wayera no. Afei Aisya bisaa se, 'Dɛn na ɔkae?' Syuraikh buae sɛ; 'Allah somafoɔ sallallaahu 'alaihi wasallam kaa sɛ: 'Obiara a ɔpɛ sɛ ɔhyia Allah no, Allah ani gye sɛ ɔbɛhyia no na obiara a ɔtan sɛ ɔbɛhyia Allah no, Allah tan sɛ ɔbɛhyia no'. Nanso yɛn mu biara nni hɔ a ɔtan owu!’ Ɔ -Aisyah- kaa sɛ; 'Ampa ara se wei na Allah Somafoa sallallaahu 'alaihi wasallam aka no, na ennye kwan a wote ase no so, na mmom - dee wokyere se - se woma ani so a, koko bo na koko woso, ene bere a onipa a n'ani gye se obehyia Allah, ennee Allah ani gye se obehyia no; na obiara a ɔtan sɛ ɔbɛhyia Allah no, Allah bɛtan sɛ ɔbɛhyia no?!' Na waka akyerɛ yɛn sɛ [Ishaq bin Ibrahim Al Hanzhali] abɔ amanneɛ akyerɛ me [Jarir] afiri [Mutharrif] hɔ de saa sanad yi te sɛ ‘Abtsar hadith.
Imam Muslim : 4848
حَدَّثَنَا أَبُو بَكْرِ بْنُ أَبِي شَيْبَةَ وَأَبُو عَامِرٍ الْأَشْعَرِيُّ وَأَبُو كُرَيْبٍ قَالُوا حَدَّثَنَا أَبُو أُسَامَةَ عَنْ بُرَيْدٍ عَنْ أَبِي بُرْدَةَ عَنْ أَبِي مُوسَى عَنْ النَّبِيِّ صَلَّى اللَّهُ عَلَيْهِ وَسَلَّمَ قَالَ مَنْ أَحَبَّ لِقَاءَ اللَّهِ أَحَبَّ اللَّهُ لِقَاءَهُ وَمَنْ كَرِهَ لِقَاءَ اللَّهِ كَرِهَ اللَّهُ لِقَاءَهُ
Wɔaka akyerɛ yɛn [Abu Bakr bin Abu Syaibah] ne [Abu ‘Amir Al Asy’ari] ne [Abu Kuraib] wɔkaa sɛ; aka akyerɛ yɛn [Abu Usamah] afiri [Buraid] afiri [Abu Burdah] afiri [Abu Musa] afiri Ɔkɔmhyɛni sallallaahu ‘alaihi wasallam hɔ ɔkaa sɛ: ‘Obiara a ɔpɛ sɛ ɔhyia Allah no, Allah ani gye sɛ ɔbɛhyia no na obiara a ɔtan sɛ ɔbɛhyia Allah no, Allah nso tan sɛ ɔbɛhyia no’.
Imam Muslim : 4849
حَدَّثَنَا أَبُو كُرَيْبٍ مُحَمَّدُ بْنُ الْعَلَاءِ حَدَّثَنَا وَكِيعٌ عَنْ جَعْفَرِ بْنِ بُرْقَانَ عَنْ يَزِيدَ بْنِ الْأَصَمِّ عَنْ أَبِي هُرَيْرَةَ قَالَ قَالَ رَسُولُ اللَّهِ صَلَّى اللَّهُ عَلَيْهِ وَسَلَّمَ إِنَّ اللَّهَ يَقُولُ أَنَا عِنْدَ ظَنِّ عَبْدِي بِي وَأَنَا مَعَهُ إِذَا دَعَانِي
Ɔaka akyerɛ yɛn [Abu Kuraib Muhammad bin Al ‘Ala]; aka akyerɛ yɛn [Waki’] afiri [Ja’far bin Burqan] afiri [Yazid bin Al Asham] afiri [Abu Hurairah] hɔ ɔkaa sɛ; Rasulullah shallallahu ‘alaihi wasallam kaa sɛ: ‘Allah ‘azza wajalla kaa sɛ: ‘Me ne M’akoa adwemmɔne a ɔwɔ wɔ Me ho no hyia, sɛ ɔbɔ Me mpaeɛ a, mɛka ne ho’.
Imam Muslim : 4850
حَدَّثَنَا مُحَمَّدُ بْنُ بَشَّارِ بْنِ عُثْمَانَ الْعَبْدِيُّ حَدَّثَنَا يَحْيَى يَعْنِي ابْنَ سَعِيدٍ وَابْنُ أَبِي عَدِيٍّ عَنْ سُلَيْمَانَ وَهُوَ التَّيْمِيُّ عَنْ أَنَسِ بْنِ مَالِكٍ عَنْ أَبِي هُرَيْرَةَ عَنْ النَّبِيِّ صَلَّى اللَّهُ عَلَيْهِ وَسَلَّمَ قَالَ قَالَ اللَّهُ عَزَّ وَجَلَّ إِذَا تَقَرَّبَ عَبْدِي مِنِّي شِبْرًا تَقَرَّبْتُ مِنْهُ ذِرَاعًا وَإِذَا تَقَرَّبَ مِنِّي ذِرَاعًا تَقَرَّبْتُ مِنْهُ بَاعًا أَوْ بُوعًا وَإِذَا أَتَانِي يَمْشِي أَتَيْتُهُ هَرْوَلَةً حَدَّثَنَا مُحَمَّدُ بْنُ عَبْدِ الْأَعْلَى الْقَيْسِيُّ حَدَّثَنَا مُعْتَمِرٌ عَنْ أَبِيهِ بِهَذَا الْإِسْنَادِ وَلَمْ يَذْكُرْ إِذَا أَتَانِي يَمْشِي أَتَيْتُهُ هَرْوَلَةً
Waka akyerɛ yɛn sɛ [Muhammad bin Basysyar bin ‘Uthman Al ‘Abdi] aka akyerɛ yɛn [Yahya bin Sa’id] ne [Ibnu ‘Adi] afiri [Sulaiman At Taimi] hɔ afiri [Anas bin Malik] afiri [Abu Hurairah] hɔ afiri Ɔkɔmhyɛni sallallaahu ‘alaihi wasallam hɔ ɔkaa sɛ: ‘Allah Subhanahu wa Ta’ala aka sɛ: ‘Megyina adwene a M’akoa a ɔwɔ Me mu no na me ne M’akoa bɛtena bere a ɔkae Me no. Sɛ ɔkae Me wɔ ne ho a, ɛnde mɛkae no wɔ Me mu. Sɛ ɔkae Me wɔ nnipakuo no mu a, ɛnneɛ mɛkae no nso wɔ nnipakuo a wɔye sen wɔn no mu. Sɛ ɔbɛn Me nsateakwaa baako a, mɛbɛn no basafa baako. Sɛ ɔtwe basafa baako bɛn Me a, mɛtwe basafa baako abɛn no. Sɛ ɔba Me nkyɛn a ɔnam a, mɛba ne nkyɛn a meretu mmirika’. Waka akyerɛ yɛn sɛ [Muhammad bin ‘Abdul A’la Al Qaisi] aka akyerɛ yɛn [Mu’tamir] afi [n’agya] hɔ de saa sanad yi na wanka kasamu no ho asɛm; 'Sɛ ɔba Me nkyɛn a ɔnam a, mɛba ne nkyɛn a meretu mmirika'.
Imam Muslim : 4851
حَدَّثَنَا أَبُو بَكْرِ بْنُ أَبِي شَيْبَةَ وَأَبُو كُرَيْبٍ وَاللَّفْظُ لِأَبِي كُرَيْبٍ قَالَا حَدَّثَنَا أَبُو مُعَاوِيَةَ عَنْ الْأَعْمَشِ عَنْ أَبِي صَالِحٍ عَنْ أَبِي هُرَيْرَةَ قَالَ قَالَ رَسُولُ اللَّهِ صَلَّى اللَّهُ عَلَيْهِ وَسَلَّمَ يَقُولُ اللَّهُ عَزَّ وَجَلَّ أَنَا عِنْدَ ظَنِّ عَبْدِي وَأَنَا مَعَهُ حِينَ يَذْكُرُنِي فَإِنْ ذَكَرَنِي فِي نَفْسِهِ ذَكَرْتُهُ فِي نَفْسِي وَإِنْ ذَكَرَنِي فِي مَلَإٍ ذَكَرْتُهُ فِي مَلَإٍ خَيْرٍ مِنْهُ وَإِنْ اقْتَرَبَ إِلَيَّ شِبْرًا تَقَرَّبْتُ إِلَيْهِ ذِرَاعًا وَإِنْ اقْتَرَبَ إِلَيَّ ذِرَاعًا اقْتَرَبْتُ إِلَيْهِ بَاعًا وَإِنْ أَتَانِي يَمْشِي أَتَيْتُهُ هَرْوَلَةً
[Abu Bakr bin Abu Syaibah] ne [Abu Kuraib] aka akyere yen -na saa lafadh yi ye Abu Kuraib dea - wokaa se; aka akyerɛ yɛn [Abu Mu’awiyah] afiri [Al A’masy] afiri [Abu Salih] afiri [Abu Hurairah] hɔ ɔkaa sɛ; Ɔkɔmhyɛni sallallaahu ‘alaihi wasallam kaa sɛ: ‘Allah ‘azza wajalla kaa sɛ; ‘Efisɛ M’akoa te sɛ nea odwen Me ho, na mɛka ne ho bere tenten a ɔbɛbɔ Me mpae no. Sɛ ɔkae Me wɔ n’ankasa mu a ɛnde mɛkae no wɔ Me ankasa mu, sɛ ɔkae Me wɔ nnipa kuw bi mu a ɛnde mɛkae no wɔ kuw a eye na ɛyɛ fɛ sen no mu. Sɛ ɔbɛn Me nsateakwaa baako a ɛnde mɛbɛn No basafa baako, sɛ ɔbɛn Me basafa baako a ɛnde mɛbɛn no basafa baako, na sɛ ɔba Me nkyɛn a ɔnam a ɛneɛ mɛba ne nkyɛn a meretu mmirika’.
Imam Muslim : 4852
حَدَّثَنَا أَبُو بَكْرِ بْنُ أَبِي شَيْبَةَ حَدَّثَنَا وَكِيعٌ حَدَّثَنَا الْأَعْمَشُ عَنْ الْمَعْرُورِ بْنِ سُوَيْدٍ عَنْ أَبِي ذَرٍّ قَالَ قَالَ رَسُولُ اللَّهِ صَلَّى اللَّهُ عَلَيْهِ وَسَلَّمَ يَقُولُ اللَّهُ عَزَّ وَجَلَّ مَنْ جَاءَ بِالْحَسَنَةِ فَلَهُ عَشْرُ أَمْثَالِهَا وَأَزِيدُ وَمَنْ جَاءَ بِالسَّيِّئَةِ فَجَزَاؤُهُ سَيِّئَةٌ مِثْلُهَا أَوْ أَغْفِرُ وَمَنْ تَقَرَّبَ مِنِّي شِبْرًا تَقَرَّبْتُ مِنْهُ ذِرَاعًا وَمَنْ تَقَرَّبَ مِنِّي ذِرَاعًا تَقَرَّبْتُ مِنْهُ بَاعًا وَمَنْ أَتَانِي يَمْشِي أَتَيْتُهُ هَرْوَلَةً وَمَنْ لَقِيَنِي بِقُرَابِ الْأَرْضِ خَطِيئَةً لَا يُشْرِكُ بِي شَيْئًا لَقِيتُهُ بِمِثْلِهَا مَغْفِرَةً قَالَ إِبْرَاهِيمُ حَدَّثَنَا الْحَسَنُ بْنُ بِشْرٍ حَدَّثَنَا وَكِيعٌ بِهَذَا الْحَدِيثِ حَدَّثَنَا أَبُو كُرَيْبٍ حَدَّثَنَا أَبُو مُعَاوِيَةَ عَنْ الْأَعْمَشِ بِهَذَا الْإِسْنَادِ نَحْوَهُ غَيْرَ أَنَّهُ قَالَ فَلَهُ عَشْرُ أَمْثَالِهَا أَوْ أَزِيدُ
Waka akyerɛ yɛn [Abu Bakr bin Abu Syaibah] aka akyerɛ yɛn [Waki’] aka akyerɛ yɛn [Al A’masy] afiri [Al Ma’rur bin Suwaid] afiri [Abu Dzar] hɔ ɔkaa sɛ; Rasulullah shallallahu ‘alaihi wasallam kaa sɛ: Allah Azza wa Jalla kaa sɛ: ‘Obiara a ɔbɛyɛ papa no, ɛnde nnwuma pa du a ɛte saa ara ma no na ɛtɔ da bi a mede bi ka ho. Na obiara a oye bone no, ennee akatua no beye saa bone anaase mede befiri no. Obiara a ɔbɛbɛn Me nsateakwaa baako no, mɛbɛn No basafa baako, sɛ ɔbɛn Me basafa baako a ɛnde mɛbɛn Me basafa baako, na sɛ ɔba Me nkyɛn a ɔnam a ɛneɛ mɛba ne nkyɛn atu mmirika. Na obiara a obehyia Me de mfomsoo a esE te se asaase no mu nsem a 3mfa ahokafo ne Me mmɔ afoforɔ no, mɛhyia no wɔ bɔne fafiri a ɛsõ te sɛ ɛno nso'. Ibrahim kaa sɛ; Al Hasan bin Bisyr de saa hadith yi aka akyerɛ yɛn Waki’. Waka akyerɛ yɛn sɛ [Abu Kuraib] aka akyerɛ yɛn [Abu Mu’awiyah] afiri [Al A’masy] de saa sanad yi a ɛwɔ Hadith a ɛte saa ara. Ɛyɛ nea ɔde nsɛmfua din a wɔbɔ no kae ara kwa; 'ɛnde ne fam no nneɛma pa du te saa ne nea ɛboro saa mpo'.
Imam Muslim : 4853
حَدَّثَنَا أَبُو الْخَطَّابِ زِيَادُ بْنُ يَحْيَى الْحَسَّانِيُّ حَدَّثَنَا مُحَمَّدُ بْنُ أَبِي عَدِيٍّ عَنْ حُمَيْدٍ عَنْ ثَابِتٍ عَنْ أَنَسٍ أَنَّ رَسُولَ اللَّهِ صَلَّى اللَّهُ عَلَيْهِ وَسَلَّمَ عَادَ رَجُلًا مِنْ الْمُسْلِمِينَ قَدْ خَفَتَ فَصَارَ مِثْلَ الْفَرْخِ فَقَالَ لَهُ رَسُولُ اللَّهِ صَلَّى اللَّهُ عَلَيْهِ وَسَلَّمَ هَلْ كُنْتَ تَدْعُو بِشَيْءٍ أَوْ تَسْأَلُهُ إِيَّاهُ قَالَ نَعَمْ كُنْتُ أَقُولُ اللَّهُمَّ مَا كُنْتَ مُعَاقِبِي بِهِ فِي الْآخِرَةِ فَعَجِّلْهُ لِي فِي الدُّنْيَا فَقَالَ رَسُولُ اللَّهِ صَلَّى اللَّهُ عَلَيْهِ وَسَلَّمَ سُبْحَانَ اللَّهِ لَا تُطِيقُهُ أَوْ لَا تَسْتَطِيعُهُ أَفَلَا قُلْتَ اللَّهُمَّ { آتِنَا فِي الدُّنْيَا حَسَنَةً وَفِي الْآخِرَةِ حَسَنَةً وَقِنَا عَذَابَ النَّارِ } قَالَ فَدَعَا اللَّهَ لَهُ فَشَفَاهُ حَدَّثَنَاه عَاصِمُ بْنُ النَّضْرِ التَّيْمِيُّ حَدَّثَنَا خَالِدُ بْنُ الْحَارِثِ حَدَّثَنَا حُمَيْدٌ بِهَذَا الْإِسْنَادِ إِلَى قَوْلِهِ { وَقِنَا عَذَابَ النَّارِ } وَلَمْ يَذْكُرْ الزِّيَادَةَ و حَدَّثَنِي زُهَيْرُ بْنُ حَرْبٍ حَدَّثَنَا عَفَّانُ حَدَّثَنَا حَمَّادٌ أَخْبَرَنَا ثَابِتٌ عَنْ أَنَسٍ أَنَّ رَسُولَ اللَّهِ صَلَّى اللَّهُ عَلَيْهِ وَسَلَّمَ دَخَلَ عَلَى رَجُلٍ مِنْ أَصْحَابِهِ يَعُودُهُ وَقَدْ صَارَ كَالْفَرْخِ بِمَعْنَى حَدِيثِ حُمَيْدٍ غَيْرَ أَنَّهُ قَالَ لَا طَاقَةَ لَكَ بِعَذَابِ اللَّهِ وَلَمْ يَذْكُرْ فَدَعَا اللَّهَ لَهُ فَشَفَاهُ حَدَّثَنَا مُحَمَّدُ بْنُ الْمُثَنَّى وَابْنُ بَشَّارٍ قَالَا حَدَّثَنَا سَالِمُ بْنُ نُوحٍ الْعَطَّارُ عَنْ سَعِيدِ بْنِ أَبِي عَرُوبَةَ عَنْ قَتَادَةَ عَنْ أَنَسٍ عَنْ النَّبِيِّ صَلَّى اللَّهُ عَلَيْهِ وَسَلَّمَ بِهَذَا الْحَدِيثِ
Wɔaka akyerɛ yɛn sɛ [Abul Khaththab Ziyad bin Yahya Al Hassani] aka akyerɛ yɛn [Muhammad bin Abu ‘Adi] a ɔfiri [Humaid] a ɔfiri [Thabit] firi [Anas] sɛ Allah Somafoɔ sallallaahu ‘alaihi wasallam bere bi kɔsraa Muslimi barima bi a na ɔyareɛ kɛseɛ kɔsii sɛ ɔbɛyɛɛ teateaa na ɔyɛ mmerɛ te sɛ anomaa ketewa. Afei Allah Somafoa no bisaa no se: 'So woabo mpae anaa woasre Allah biribi pɛn?' Adamfo no buae sɛ; ‘Yiw, mabɔ mpae; ‘O Allah, O m’Awurade, edeen na Wobeye me ayayadee wo owuo akyi asetena mu? Enti yɛ ntɛm yɛ ayayade wɔ wiase yi mu! ’ Bere a Allah Somafoɔ no tee ne bɔneka no, ɔkaa sɛ: ‘Subhanallah, adɛn nti na wobɔ mpaeɛ saa. Nokwarem no, worennyina ano. Adɛn nti na monmmɔ mpaeɛ sɛ: 'O Allah, ma yɛn papayɛ wɔ wiase yi mu ne papayɛ wɔ Daankwamma mu na bɔ yɛn ho ban firi hell ayayadeɛ ho'. Anas kaa sɛ; 'Afei Allah Somafoɔ no bɔɔ Allah mpaeɛ maa saa adamfo no na awieeɛ koraa no Allah saa no yareɛ.' Waka akyerɛ yɛn sɛ [‘Ashim bin An Nadhr At Taimi] aka akyerɛ yɛn sɛ [Khalid bin Al Harith] de saa sanad yi aka akyerɛ yɛn [Humaid] akosi ne nsɛm so ‘na gye yɛn fi hell ogya mu’ na wanka nea wɔde aka ho no ho asɛm. Na wɔaka akyerɛ me sɛ [Zuhair bin Harb] aka akyerɛ yɛn [’Affan] aka akyerɛ yɛn sɛ [Hammad] aka akyerɛ yɛn [Thabit] afiri [Anas] sɛ Allah Somafoɔ sallallaahu ‘alaihi wasallam bere bi kɔsraa obi firii n’ahokafoɔ hɔ a na ɔyare, kɔsii sɛ saa onipa no te sɛ anomaa ketewa. - sedee Hadith Humaid asekyere te no.- kakra bi na wode aka ho, okaa se: 'worentumi nhyia Allah asotwe no,' -a wanka kasamu no; "Afei ɔbɔɔ mpae maa no kosii sɛ ne ho tɔɔ no." Waka akyerɛ yɛn [Muhammad bin Al Mutsanna] ne [Ibn Basysiyar] sɛ wɔn baanu nyinaa kae sɛ; aka akyerɛ yɛn [Salim bin Nuh Al ‘Aththar] afiri [Sa’id bin Abu ‘Arubah] hɔ afiri [Qatadah] afiri [Anas] hɔ afiri Ɔkɔmhyɛni sallallaahu ‘alaihi wasallam hɔ de saa hadith yi.
Imam Muslim : 4854
حَدَّثَنَا مُحَمَّدُ بْنُ حَاتِمِ بْنِ مَيْمُونٍ حَدَّثَنَا بَهْزٌ حَدَّثَنَا وُهَيْبٌ حَدَّثَنَا سُهَيْلٌ عَنْ أَبِيهِ عَنْ أَبِي هُرَيْرَةَ عَنْ النَّبِيِّ صَلَّى اللَّهُ عَلَيْهِ وَسَلَّمَ قَالَ إِنَّ لِلَّهِ تَبَارَكَ وَتَعَالَى مَلَائِكَةً سَيَّارَةً فُضُلًا يَتَتَبَّعُونَ مَجَالِسَ الذِّكْرِ فَإِذَا وَجَدُوا مَجْلِسًا فِيهِ ذِكْرٌ قَعَدُوا مَعَهُمْ وَحَفَّ بَعْضُهُمْ بَعْضًا بِأَجْنِحَتِهِمْ حَتَّى يَمْلَئُوا مَا بَيْنَهُمْ وَبَيْنَ السَّمَاءِ الدُّنْيَا فَإِذَا تَفَرَّقُوا عَرَجُوا وَصَعِدُوا إِلَى السَّمَاءِ قَالَ فَيَسْأَلُهُمْ اللَّهُ عَزَّ وَجَلَّ وَهُوَ أَعْلَمُ بِهِمْ مِنْ أَيْنَ جِئْتُمْ فَيَقُولُونَ جِئْنَا مِنْ عِنْدِ عِبَادٍ لَكَ فِي الْأَرْضِ يُسَبِّحُونَكَ وَيُكَبِّرُونَكَ وَيُهَلِّلُونَكَ وَيَحْمَدُونَكَ وَيَسْأَلُونَكَ قَالَ وَمَاذَا يَسْأَلُونِي قَالُوا يَسْأَلُونَكَ جَنَّتَكَ قَالَ وَهَلْ رَأَوْا جَنَّتِي قَالُوا لَا أَيْ رَبِّ قَالَ فَكَيْفَ لَوْ رَأَوْا جَنَّتِي قَالُوا وَيَسْتَجِيرُونَكَ قَالَ وَمِمَّ يَسْتَجِيرُونَنِي قَالُوا مِنْ نَارِكَ يَا رَبِّ قَالَ وَهَلْ رَأَوْا نَارِي قَالُوا لَا قَالَ فَكَيْفَ لَوْ رَأَوْا نَارِي قَالُوا وَيَسْتَغْفِرُونَكَ قَالَ فَيَقُولُ قَدْ غَفَرْتُ لَهُمْ فَأَعْطَيْتُهُمْ مَا سَأَلُوا وَأَجَرْتُهُمْ مِمَّا اسْتَجَارُوا قَالَ فَيَقُولُونَ رَبِّ فِيهِمْ فُلَانٌ عَبْدٌ خَطَّاءٌ إِنَّمَا مَرَّ فَجَلَسَ مَعَهُمْ قَالَ فَيَقُولُ وَلَهُ غَفَرْتُ هُمْ الْقَوْمُ لَا يَشْقَى بِهِمْ جَلِيسُهُمْ
Waka akyerɛ yɛn [Muhammad bin Hatim bin Maimun] aka akyerɛ yɛn [Bahz] aka akyerɛ yɛn [Wuhaib] aka akyerɛ yɛn [Suhail] afiri [n’agya] hɔ afiri [Abu Hurairah] hɔ afiri Ɔkɔmhyɛni sallallaahu ‘alaihi wasallam hɔ, ɔkaa sɛ: ‘Ampa ara, Allah, Kronkronni ne Ɔsorosoroni, wɔ abɔfoɔ dodoɔ bi a wɔkɔ so di akɔneaba hwehwɛ asafo no dhikr. Sɛ wɔhunu dhikr nhyiamu no a, wɔkɔ so tena hɔ, kata wɔn ho wɔn ho ntaban so kɔsi sɛ wɔbɛhyɛ baabi a ɛda wɔn ne wim a ɛwɔ fam no ntam no ma. Bere a dhikr nhyiamu no baa awieeɛ no, wɔtetew wɔn ho nso na wɔforo kɔɔ soro’. Afei Anabi no toaa ne nsɛm no so sɛ: ‘Adi akyi no, Allah Subhanahu wa Ta’ala, Nea ɔnim wɔn ho yie no bisaa wɔn sɛ: ‘Ɛhe na mofiri baeɛ? ' Wobuae se; 'Yefiri W'asomfoɔ a wɔwɔ asaase so a wɔyi wɔn ayɛ, wɔyɛ takbir, bertahmid, na wɔsrɛ Wo, O Allah, no afã.' Afei Allah Subhanahu wa Ta'ala bisaa se: 'Den na worebisa? ’ Abɔfo no buae sɛ; 'Wnom bisa Wo soro, O Allah'. Allah Subhanahu wa Ta'ala bisaa bio se: 'Ana wahunu Me soro pɛn? ’ Abɔfo no buae sɛ; 'Nnuruiɛ. Wonhuu bi da, O Allah'. Allah Subhanahu wa Ta'ala kaa se: 'Na se wohunu Me soro da bi nso? ’ Abɔfoɔ no kaa sɛ; 'Wnom nso srɛ Wo banbɔ, O Allah.' Allah Subhanahu wa Ta'ala bisaa de tuaa ka se: 'Edeen na wosre Me banba? ’ Abɔfo no buae sɛ; 'Wnom srɛ Wo banbɔ fi Wo hell mu, O Allah'. Allah Subhanahu wa Ta'ala bisaa se: 'Ana wahunu Me hell pɛn? ’ Abɔfo no buae sɛ; 'Nnuruiɛ. Wonhuu Wo hell da, O Allah'. Allah Subhanahu wa Ta'ala kaa sɛ: 'Na sɛ wɔhunuu Me hell nso ɛ? ’ Abɔfoɔ no kaa sɛ; ‘O Allah, ɛte sɛ nea wɔn nso resrɛsrɛ bɔnefakyɛ afiri Wo hɔ? ' Afei Allah Subhanahu wa Ta'ala buaa se: 'Monhunu, O M'abofoo, se ampa ara se mede akye won, ama wan dee wosre, na mabo won ho ban afiri hell'. Abɔfoɔ no kaa sɛ; 'O Allah, wo won asafo no mu no, akoa bi wo ho a na oye boneyoni na ebae se otwam kɛkɛ na ɔne wɔn tena.' Enti Allah buaa se: 'Monhunu se ampa ara mede saa onipa no befiri.' Nokwarem no, wɔyɛ nnipa a wɔn a wɔte hɔ no rempira wɔn esiane wɔn nti’.
Imam Muslim : 4855
حَدَّثَنِي زُهَيْرُ بْنُ حَرْبٍ حَدَّثَنَا إِسْمَعِيلُ يَعْنِي ابْنَ عُلَيَّةَ عَنْ عَبْدِ الْعَزِيزِ وَهُوَ ابْنُ صُهَيْبٍ قَالَ سَأَلَ قَتَادَةُ أَنَسًا أَيُّ دَعْوَةٍ كَانَ يَدْعُو بِهَا النَّبِيُّ صَلَّى اللَّهُ عَلَيْهِ وَسَلَّمَ أَكْثَرَ قَالَ كَانَ أَكْثَرُ دَعْوَةٍ يَدْعُو بِهَا يَقُولُ اللَّهُمَّ { آتِنَا فِي الدُّنْيَا حَسَنَةً وَفِي الْآخِرَةِ حَسَنَةً وَقِنَا عَذَابَ النَّارِ } قَالَ وَكَانَ أَنَسٌ إِذَا أَرَادَ أَنْ يَدْعُوَ بِدَعْوَةٍ دَعَا بِهَا فَإِذَا أَرَادَ أَنْ يَدْعُوَ بِدُعَاءٍ دَعَا بِهَا فِيهِ
Ɔaka akyerɛ me sɛ [Zuhair bin Harb] aka akyerɛ yɛn [Isma’il bin ‘Ulayyah] afiri [Abdul Aziz] hɔ a ɛne Ibn Shuhaib ɔkaa sɛ; ‘Bere bi, Qatadah bisaa Anas bere bi sɛ; ‘Hi Anas, mpaebɔ bɛn na na Ɔkɔmhyɛni no taa ka? ’ [Anas] buae sɛ; 'Ampa ara se, Allah Somafoa sallallaahu 'alaihi wasallam taa kenkan mpaebo bi a eka se: 'O Allah, ma yen papaye wo ewiase yi mu ne papaye wo owuo akyi asetena mu, na bo yen ho ban firi hellgya ayayadee ho'. Saa hadith yi kyerɛwfo no kaa sɛ; ‘Sɛ Anas pɛ sɛ ɔbɔ mpae a, ɔkenkan mpaebɔ no bere nyinaa. Na sɛ ɔpɛ sɛ ɔkenkan mpaebɔ foforo a, ɔde saa mpaebɔ no ka ho bere nyinaa’.
Imam Muslim : 4856
حَدَّثَنَا عُبَيْدُ اللَّهِ بْنُ مُعَاذٍ حَدَّثَنَا أَبِي حَدَّثَنَا شُعْبَةُ عَنْ ثَابِتٍ عَنْ أَنَسٍ قَالَ كَانَ رَسُولُ اللَّهِ صَلَّى اللَّهُ عَلَيْهِ وَسَلَّمَ يَقُولُ { رَبَّنَا آتِنَا فِي الدُّنْيَا حَسَنَةً وَفِي الْآخِرَةِ حَسَنَةً وَقِنَا عَذَابَ النَّارِ }
Waka akyerɛ yɛn [‘Ubaidullah bin Mu’adz], [m’agya] aka akyerɛ yɛn; aka akyerɛ yɛn [Syu’bah] afiri [Thabit] afiri [Anas] mu ɔkaa sɛ; Ɔkɔmhyɛni sallallaahu'alaihi wasallam bɔɔ mpaeɛ pii sɛ, 'O Allah, yɛn Rabb, ma yɛn papayɛ wɔ wiase yi mu ne daankwamma, na bɔ yɛn ho ban firi hell ayayadeɛ ho'.
Imam Muslim : 4857
حَدَّثَنَا يَحْيَى بْنُ يَحْيَى قَالَ قَرَأْتُ عَلَى مَالِكٍ عَنْ سُمَيٍّ عَنْ أَبِي صَالِحٍ عَنْ أَبِي هُرَيْرَةَ أَنَّ رَسُولَ اللَّهِ صَلَّى اللَّهُ عَلَيْهِ وَسَلَّمَ قَالَ مَنْ قَالَ لَا إِلَهَ إِلَّا اللَّهُ وَحْدَهُ لَا شَرِيكَ لَهُ لَهُ الْمُلْكُ وَلَهُ الْحَمْدُ وَهُوَ عَلَى كُلِّ شَيْءٍ قَدِيرٌ فِي يَوْمٍ مِائَةَ مَرَّةٍ كَانَتْ لَهُ عَدْلَ عَشْرِ رِقَابٍ وَكُتِبَتْ لَهُ مِائَةُ حَسَنَةٍ وَمُحِيَتْ عَنْهُ مِائَةُ سَيِّئَةٍ وَكَانَتْ لَهُ حِرْزًا مِنْ الشَّيْطَانِ يَوْمَهُ ذَلِكَ حَتَّى يُمْسِيَ وَلَمْ يَأْتِ أَحَدٌ أَفْضَلَ مِمَّا جَاءَ بِهِ إِلَّا أَحَدٌ عَمِلَ أَكْثَرَ مِنْ ذَلِكَ وَمَنْ قَالَ سُبْحَانَ اللَّهِ وَبِحَمْدِهِ فِي يَوْمٍ مِائَةَ مَرَّةٍ حُطَّتْ خَطَايَاهُ وَلَوْ كَانَتْ مِثْلَ زَبَدِ الْبَحْرِ
Ɔka kyerɛɛ yɛn [Yahya bin Yahya] akyi no ɔkaa sɛ; Mekenkan kyerɛɛ [Malik] firii [Sumayya] firii [Abu Salih] firii [Abu Hurairah] hɔ sɛ na Allah Somafoɔ sallallaahu ‘alaihi wasallam aka sɛ: ‘Obiara a ɔbɛka sɛ Laa ilaaha ilIallaahu wahdah, Iaa syariikalahu lahul mulku wa lahul hamdu wa huwa ‘alaa kulli syai’in qadiir’ -Ɔpam biara nni hɔ gye sɛ Allah, Ɔno ne deɛ Ade Nyinaa so Tumfoɔ Nyankopɔn. Ɔhokafoɔ biara nni hɔ ma No, Ɔno nko ara na ɔwɔ amansan no na ayeyi nyinaa firi Ɔno nko ara. Allah ye ade nyinaa so Tumfoɔ - mprɛ ɔha da biara, saa onipa no benya akatua korɔ no ara sɛ onipa a ɔyii nkoa ɔha, kyerɛw nneɛma pa ɔha maa no, na ɔpopaa nneɛma bɔne ɔha maa no. Saa da no wɔbɛbɔ ne ho ban afi Satan sɔhwɛ ahorow ho akosi anwummere na obi foforo biara renyɛ papa wɔ akatua mu nsen no, gye nea ɔkenkan pii ne ɛno. Obiara a obekenkan Subhaanallaah wa bi hamdihi - Animuonyam nka Allah na ayeyie nka No - mpre ɔha da biara no, wɔde ne bɔne bɛkyɛ no, sɛ mpo ɛyɛ sɛ ɛpo mu ahurututu a.
Imam Muslim : 4858
حَدَّثَنِي مُحَمَّدُ بْنُ عَبْدِ الْمَلِكِ الْأُمَوِيُّ حَدَّثَنَا عَبْدُ الْعَزِيزِ بْنُ الْمُخْتَارِ عَنْ سُهَيْلٍ عَنْ سُمَيٍّ عَنْ أَبِي صَالِحٍ عَنْ أَبِي هُرَيْرَةَ قَالَ قَالَ رَسُولُ اللَّهِ صَلَّى اللَّهُ عَلَيْهِ وَسَلَّمَ مَنْ قَالَ حِينَ يُصْبِحُ وَحِينَ يُمْسِي سُبْحَانَ اللَّهِ وَبِحَمْدِهِ مِائَةَ مَرَّةٍ لَمْ يَأْتِ أَحَدٌ يَوْمَ الْقِيَامَةِ بِأَفْضَلَ مِمَّا جَاءَ بِهِ إِلَّا أَحَدٌ قَالَ مِثْلَ مَا قَالَ أَوْ زَادَ عَلَيْهِ
Waka akyerɛ me sɛ [Muhammad bin ‘Abdul Malik Al Umawi] aka akyerɛ yɛn [‘Abdul ‘Aziz bin Al Mukhtar] afiri [Suhail] afiri [Sumayya] afiri [Abu Shalih] afiri [Abu Hurairah] hɔ ɔkaa sɛ; ‘Allah Somafoa sallallaahu ‘alaihi wasallam kaa se: ‘Obiara a, adekyee ne anwummere, kenkan mpaebɔ; Animuonyam nka Allah na ayeyi nka No mprenu, afei Owusɔre Da no obi foforo biara nni hɔ a obenya akatua a ɛboro so gyese onipa a ɔno nso akenkan akenkan te sɛ saa anaa nea ɛboro saa ne saa’.'
Imam Muslim : 4859
حَدَّثَنَا سُلَيْمَانُ بْنُ عُبَيْدِ اللَّهِ أَبُو أَيُّوبَ الْغَيْلَانِيُّ حَدَّثَنَا أَبُو عَامِرٍ يَعْنِي الْعَقَدِيَّ حَدَّثَنَا عُمَرُ وَهُوَ ابْنُ أَبِي زَائِدَةَ عَنْ أَبِي إِسْحَقَ عَنْ عَمْرِو بْنِ مَيْمُونٍ قَالَ مَنْ قَالَ لَا إِلَهَ إِلَّا اللَّهُ وَحْدَهُ لَا شَرِيكَ لَهُ لَهُ الْمُلْكُ وَلَهُ الْحَمْدُ وَهُوَ عَلَى كُلِّ شَيْءٍ قَدِيرٌ عَشْرَ مِرَارٍ كَانَ كَمَنْ أَعْتَقَ أَرْبَعَةَ أَنْفُسٍ مِنْ وَلَدِ إِسْمَعِيلَ و قَالَ سُلَيْمَانُ حَدَّثَنَا أَبُو عَامِرٍ حَدَّثَنَا عُمَرُ حَدَّثَنَا عَبْدُ اللَّهِ بْنُ أَبِي السَّفَرِ عَنْ الشَّعْبِيِّ عَنْ رَبِيعِ بْنِ خُثَيْمٍ بِمِثْلِ ذَلِكَ قَالَ فَقُلْتُ لِلرَّبِيعِ مِمَّنْ سَمِعْتَهُ قَالَ مِنْ عَمْرِو بْنِ مَيْمُونٍ قَالَ فَأَتَيْتُ عَمْرَو بْنَ مَيْمُونٍ فَقُلْتُ مِمَّنْ سَمِعْتُهُ قَالَ مِنْ ابْنِ أَبِي لَيْلَى قَالَ فَأَتَيْتُ ابْنَ أَبِي لَيْلَى فَقُلْتُ مِمَّنْ سَمِعْتُهُ قَالَ مِنْ أَبِي أَيُّوبَ الْأَنْصَارِيِّ يُحَدِّثُهُ عَنْ رَسُولِ اللَّهِ صَلَّى اللَّهُ عَلَيْهِ وَسَلَّمَ
Waka akyerɛ yɛn sɛ [Sulaiman bin 'Ubaidullah Abu Ayyub Al Ghailani] aka akyerɛ yɛn sɛ [Abu 'Amir Al 'Aqdi] aka akyerɛ yɛn ['Umar bin Abu Zaidah] afiri [Abu Ishaq] hɔ afiri ['Amru bin Maimun] ɔkaa sɛ; 'Obiara a obeka Laa ilaaha ilIallaahu wahdah, Iaa syariikalahu lahul mulku wa lahul hamdu wa huwa 'alaa kulli syai'in qadiir' -Onyame biara nni ho gyese Allah, 3no ne Onyankopon Baako ne Onyankopon. Ɔhokafoɔ biara nni hɔ ma No, Ɔno nko ara na ɔwɔ amansan no na ayeyi nyinaa firi Ɔno nko ara. Allah ye ade nyinaa so Tumfoɔ - mpɛn du, enti ne fam no, akatua no te sɛ nea wade nnipa baanan afiri Ismael asefoɔ ho. Na ɔkaa sɛ [Sulaiman] aka akyerɛ yɛn sɛ [Abu ‘Amir] aka akyerɛ yɛn sɛ [’Umar] aka akyerɛ yɛn [‘Abdullah bin Abu As Safar] afiri [Ash Sha’bi] afiri [Rabi’ bin Khutsaim] hɔ de saa hadith no, ɔkaa sɛ; enti me bisaa Ar Rabi' sɛ, 'ɛhe na wotee saa? ' Ɔbuaa sɛ; ‘Efi [’Amru bin Maimun] hɔ, ɔkyerɛwfo no kae sɛ; enti mekɔɔ 'Amru bin Maimun nkyɛn, na mebisae sɛ; ‘Ɛhe na wotee saa hadith no? ’ obuae sɛ; efi [Ibn Abu Laila] hɔ, ɔkyerɛwfo no kae sɛ; enti mehyiaa Ibn Abu Laila na mebisaa no sɛ; ‘Ɛhe na wotee saa hadith no? ' obuae firii [Abu Ayyub Al Ansari] okaa no firii Anabi sallallaahu 'alaihi wasallam hɔ.
Imam Muslim : 4860
حَدَّثَنَا مُحَمَّدُ بْنُ عَبْدِ اللَّهِ بْنِ نُمَيْرٍ وَزُهَيْرُ بْنُ حَرْبٍ وَأَبُو كُرَيْبٍ وَمُحَمَّدُ بْنُ طَرِيفٍ الْبَجَلِيُّ قَالُوا حَدَّثَنَا ابْنُ فُضَيْلٍ عَنْ عُمَارَةَ بْنِ الْقَعْقَاعِ عَنْ أَبِي زُرْعَةَ عَنْ أَبِي هُرَيْرَةَ قَالَ قَالَ رَسُولُ اللَّهِ صَلَّى اللَّهُ عَلَيْهِ وَسَلَّمَ كَلِمَتَانِ خَفِيفَتَانِ عَلَى اللِّسَانِ ثَقِيلَتَانِ فِي الْمِيزَانِ حَبِيبَتَانِ إِلَى الرَّحْمَنِ سُبْحَانَ اللَّهِ وَبِحَمْدِهِ سُبْحَانَ اللَّهِ الْعَظِيمِ
Wɔaka akyerɛ yɛn [Muhammad bin ‘Abdullah bin Numair] ne [Zuhair bin Harb] ne [Abu Kuraib] ne [Muhammad bin Tharif Al Bajali] wɔkaa sɛ; aka akyerɛ yɛn [Ibn Fudhail] afiri [‘Umarah bin Al Qa’qa’] afiri [Abu Zur’ah] afiri [Abu Hurairah] hɔ ɔkaa sɛ; 'Allah Somafo shallallahu 'alaihi wasallam aka se: 'Kasasin mmienu a emu ye hare se wobeka nanso emu ye duru na Allah Subhanahu wa Ta'ala, Mmoborohunufoa paa no do, a enom se, Subhanallah wa bihamdihi subhaanallaahil azhim -Anuonyam nka Allah ne N'ayeyie nyinaa na Anuonyam nka Allah, 3boro so-'.