Imam Ahmad : 26349
حَدَّثَنَا أَبُو مُعَاوِيَةَ حَدَّثَنَا الْأَعْمَشُ عَنْ عُمَارَةَ عَنْ أَبِي الشَّعْثَاءِ قَالَ خَرَجْتُ حَاجًّا فَجِئْتُ حَتَّى دَخَلْتُ الْبَيْتَ فَلَمَّا كُنْتُ بَيْنَ السَّارِيَتَيْنِ مَضَيْتُ حَتَّى لَزِقْتُ بِالْحَائِطِ فَجَاءَ ابْنُ عُمَرَ فَصَلَّى إِلَى جَنْبِي فَصَلَّى أَرْبَعًا فَلَمَّا صَلَّى قُلْتُ أَيْنَ صَلَّى رَسُولُ اللَّهِ صَلَّى اللَّهُ عَلَيْهِ وَسَلَّمَ مِنْ الْبَيْتِ قَالَ أَخْبَرَنِي أُسَامَةُ بْنُ زَيْدٍ أَنَّهُ صَلَّى هَاهُنَا فَقُلْتُ كَمْ صَلَّى قَالَ عَلَى هَذَا أَجِدُنِي أَلُومُ نَفْسِي إِنِّي مَكَثْتُ مَعَهُ عُمُرًا لَمْ أَسْأَلْهُ كَمْ صَلَّى ثُمَّ حَجَجْتُ مِنْ الْعَامِ الْمُقْبِلِ فَجِئْتُ فَقُمْتُ فِي مَقَامِهِ فَجَاءَ ابْنُ الزُّبَيْرِ فَصَلَّى فِيهِ أَرْبَعًا
Waka akyerɛ yɛn [Abu Mu'awiyah] aka akyerɛ yɛn [Al A'masy] afiri [Umarah] afiri [Abu Sya'tsa`] ɔkaa sɛ, 'Mefirii adi sɛ merekɔyɛ Hajj, afei mebaa kɔsii sɛ mehyɛnee Kaaba, berɛ a na mewɔ adum mmienu ntam no metwam kɔsii sɛ mede me nsa kaa ɔfasuo no.' Afei [Ibn Umar] baa hɔ bɛbɔɔ mpaeɛ rak’ah nnan wɔ me nkyɛn. Mpaebɔ no akyi no mebisaa no sɛ, ‘Ɔfa bɛn mu na Ɔkɔmhyɛni sallallaahu ‘alaihi wasallam bɔɔ mpaeɛ wɔ Kaaba mu? ' obuae se, ['Usamah Bin Zaid] aka akyerɛ yɛn sɛ ɔbɔ mpae wɔ ha'. Afei mebisae se, 'Rak'ah ahe na oboo mpaee?' obuae sɛ, 'Ɛno nti na me bo afuw me ho, me ne no tenaa hɔ kyɛe nanso manbisa no da'. Afei meyɛɛ Hajj afe a ɛdi hɔ no, afei mebaa bɛbɔɔ mpaeɛ wɔ beaeɛ a na Ibn Abbas taa bɔ mpaeɛ, afei Ibn Zubair baa hɔ bɛbɔɔ rak’ah anan wɔ saa beaeɛ no’.